Hesekiel
26 Afe a ɛtɔ so dubaako, bosome no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, Tiro+ adi Yerusalem+ ho fɛ sɛ, ‘Ahaa, wɔabubu+ aman apono no.+ Afei wɔbɛdane aba me nkyɛn. Wɔasɛe no yi, mɛyɛ mã.’+ Yei nti, 3 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Tiro, me ne wo anya asɛm, na mede aman pii bɛba wo so+ sɛdeɛ ɛpo bɔ n’asorɔkye ba no.+ 4 Na wɔbɛsɛe Tiro afasuo+ adwiri n’aban agu,+ na mɛwerɛwerɛ ne ho dɔteɛ ama no ayɛ botan kwaboo. 5 Ɔbɛdane baabi a wɔhata asau+ wɔ po mfimfini.’+
“Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Me na maka, na amanaman bɛfa no sɛ asadeɛ. 6 Na nkuraa-nkuraa a atwa ho ahyia nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano, na nnipa bɛhunu sɛ mene Yehowa.’+
7 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mɛma Babilon hene Nebukadresar, ahemfo mu hene no,+ afiri atifi fam aba Tiro so.+ Na ɔde apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafodɔm+ kɛseɛ na ɛbɛba. 8 Nkuraa-nkuraa a atwa wo ho ahyia nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano, na ɔbɛto akoban na wasi pampim+ atwa wo ho ahyia na ɔde kyɛm kɛseɛ aba wo so; 9 na ɔde n’afidie bɛdwiri w’afasuo na ɔde n’akodeɛ abubu w’aban. 10 N’apɔnkɔ manyamanya no bɛma mfuturo akata wo so.+ Na apɔnkɔsotefoɔ ne ntwahonan ne nteaseɛnam bɛma w’afasuo awoso, berɛ a ɔfa w’apono mu ba wo so sɛ kuro a abubu ama akwan abɛdeda mu no. 11 Ɔde n’apɔnkɔ nan bɛtiatia wo mmorɔno so akwan nyinaa so.+ Na ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na w’ahoɔden adum ahwehwe fam. 12 Wɔbɛfa w’ahodeɛ+ na wɔafom w’adwadeɛ,+ na wɔbɛbubu w’afasuo na wɔadwiri w’adan fɛfɛ no agu. Na wɔde w’aboɔ ne wo nnua ne wo dɔteɛ bɛgu nsuo mu.’
13 “‘Mɛma wo dwontoɔ gyegyeegye no agyae,+ na wɔrente w’asankuo nne bio.+ 14 Mɛma woayɛ botan kwaboo+ na woadane asau hatabea.+ Wɔrenkyekyere wo bio; me Yehowa na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.+
15 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ Tiro nie, ‘Sɛ wɔte w’asehweɛ, na wɔn a wɔapirapira no penepene, na wɔkunkum wo mu nnipa a, nsuano aman renwoso+ anaa? 16 Ɛpo so aberempɔn nyinaa bɛfiri wɔn adwa so+ asisi fam,+ na wɔbɛyiyi wɔn ntadeɛ ngugusoɔ ne wɔn nwentoma agu hɔ. Na wɔbɛfira ahopopoɔ na wɔatenatena fam.+ Wɔn ho bɛpopo berɛ biara+ na wɔatɛɛ wɔn anom ahwɛ wo. 17 Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom+ aka akyerɛ wo sɛ:
“‘“O hwɛ sɛdeɛ woahwe aseɛ, kuro a ɛpo sofoɔ bɛtenaa wo mu,+ kuro a wɔkamfoo no, kuro denden a ɛda po soɔ,+ ɔno ne wɔn a wɔtete mu, wɔn a wɔmaa asase sofoɔ nyinaa bɔɔ hu no! 18 Ɛda a wobɛhwe aseɛ no, nsuano aman ho bɛpopo. W’awieeɛ bɛma po mu nsupɔ awoso.”’+
19 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mema wodane amamfõ te sɛ nkuro a obiara nte mu, na mema subunu kata wo so na nsuo pii yiri fa wo so a,+ 20 mede wo bɛka wɔn a wɔrekɔ adamena mu no ho akɔka tetefoɔ ho,+ na mɛma woatena asase ase tɔnn,+ te sɛ tete amamfõ so, wo ne wɔn a wɔrekɔ adamena mu no,+ na obiara rentena wo mu bio. Na mɛsiesie ateasefoɔ asase so+ fɛfɛɛfɛ.
21 “‘Mɛma ehu atɔ wo so+ na worentena hɔ bio; nnipa bɛhwehwɛ wo,+ nanso wɔrenhu wo da,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”