1 Korintofoɔ
5 Yɛate ampa sɛ adwamammɔ+ rekɔ so wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni amanaman mufoɔ mpo mu, sɛ obi agye ne papa yere.+ 2 Na sɛ́ anka mo werɛ bɛho+ na moayi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no afiri mo mu+ no, morehoahoa mo ho+ mmom? 3 Ɛwom sɛ menni hɔ wɔ honam mu deɛ, nanso mewɔ hɔ wɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada+ sɛdeɛ mewɔ hɔ ankasa, 4 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛn Awurade Yesu din mu no, sɛ mohyia, na me honhom ne yɛn Awurade Yesu tumi nso ka mo ho a,+ 5 mode onii no ahyɛ Satan nsa+ ama honam no asɛe, na wɔagye honhom+ no nkwa, Awurade da no.+
6 Deɛ mode hoahoa mo ho+ no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka+ kakraa bi na ɛka mmɔre nyinaa?+ 7 Monyi mmɔreka dada no ngu, na moayɛ mmɔre foforɔ,+ sɛdeɛ mmɔreka biara nni mo mu no. Ɛfiri sɛ wɔanya de yɛn twam dwan+ Kristo+ no abɔ afɔdeɛ.+ 8 Enti mommma yɛmmfa mmɔreka+ dada anaa bɔneyɛ ne amumuyɔ+ mmɔreka+ nnhyɛ fa+ no, na mmom yɛmfa paanoo a mmɔreka nnim a ɛno ne adwenemteɛ ne nokorɛdie+ nhyɛ.
9 Metwerɛɛ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ mmmɔ, 10 nanso menkyerɛ sɛ montwe mo ho koraa mfiri adwamammɔfoɔ+ a wɔwɔ wiase+ anaa adufudepɛfoɔ ne apoobɔfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho. Sɛ saa deɛ a, anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase+ koraa. 11 Na afei meretwerɛ mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ odwamammɔfoɔ anaa odifudepɛfoɔ+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforɔ anaa ɔsabofoɔ+ anaa opoobɔfoɔ mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo. 12 Na ɛfa me ho bɛn sɛ mɛbu wɔn a wɔwɔ akyire no atɛn?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mo mu no na mobu wɔn atɛn,+ 13 na Onyankopɔn nso abu wɔn a wɔwɔ akyire no atɛn?+ “Monyi ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu.”+