1 Korintofoɔ
1 Paulo a wɔnam Onyankopɔn pɛ+ so afrɛ no sɛ ɔmmɛyɛ Yesu Kristo somafoɔ,+ ne yɛn nua Sostene+ 2 de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto.+ Meretwerɛ abrɛ mo a wɔate mo ho+ wɔ Kristo Yesu mu, afrɛ mo sɛ mommɛyɛ akronkronfoɔ,+ ne wɔn a wɔrebɔ Awurade Yesu Kristo, yɛne wɔn nyinaa Wura,+ no din+ wɔ baabiara no:
3 Adom+ ne asomdwoeɛ+ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+
4 Onyankopɔn adom+ a wɔde ama mo Kristo Yesu mu+ no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo, 5 ɛfiri sɛ moanya mo ho adeɛ nyinaa mu+ wɔ ne mu, kasa ne nimdeɛ nyinaa mu;+ 6 na Kristo ho adanseɛ+ no atim mo mu, 7 enti ɛnkaa mo akyɛdeɛ+ biara, berɛ a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo adiyie+ dendeenden no. 8 Ɔno nso bɛma mo ase atim+ akɔsi awieeɛ, na wɔannya mo ho asɛm+ biara yɛn Awurade Yesu Kristo+ da no.+ 9 Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ,+ deɛ wafrɛ mo kɔ ne Ba a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ayɔnkofa+ mu no.
10 Afei anuanom, metu mo fo+ yɛn Awurade Yesu Kristo din+ mu sɛ mo nyinaa nyɛ nokorɔ,+ na mommma mpaepaemu+ mmma mo mu, na mmom monka mmom dendeenden, adwenkorɔ ne nsusuiɛ korɔ mu.+ 11 Me nuanom, asɛm no ne sɛ, Kloe fiefoɔ abɛyi me asotire+ wɔ mo ho sɛ akasakasa wɔ mo mu. 12 Deɛ merekyerɛ ne sɛ mo mu biara ka sɛ: “Meyɛ Paulo dea,” “Me deɛ, meyɛ Apolo dea,”+ “Me deɛ, meyɛ Kefa dea,” “Me deɛ, meyɛ Kristo dea.” 13 Kristo mu apaepae.+ Adɛn, Paulo na wɔsɛn no maa mo? Anaasɛ Paulo din mu na wɔbɔɔ mo asuo?+ 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu, gye Krispo+ ne Gaio,+ 15 na obi anka sɛ mebɔɔ mo asu me din mu. 16 Aane, afei nso mebɔɔ Stefana fiefoɔ asu.+ Wɔn a aka no deɛ, sɛ mebɔɔ wɔn mu bi asu a, mennim. 17 Ɛfiri sɛ Kristo ansoma me+ sɛ menkɔbɔ asu, na mmom sɛ menkɔka asɛmpa no, ɛnyɛ kasa mu nyansa mu,+ na Kristo asɛndua no anyɛ kwa.
18 Na asɛndua no ho asɛm no yɛ nkwaseasɛm+ ma wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan soɔ,+ na yɛn a wɔregye yɛn nkwa+ no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi+ ma yɛn. 19 Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Mɛma anyansafoɔ nyansa asɛe,+ na mapia animdefoɔ+ nimdeɛ ato nkyɛn.+ 20 Onyansafoɔ wɔ he? Ɔtwerɛfoɔ+ wɔ he? Wiase+ yi mu okyinnyegyefoɔ+ wɔ he? Onyankopɔn nnanee wiase nyansa nkwaseasɛm anaa?+ 21 Na ɛsiane sɛ Onyankopɔn nyansa mu no, wiase no amfa ne nyansa+ so anhunu Onyankopɔn+ nti ɛsɔɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔde asɛnka no mu nkwaseasɛm+ bɛgye wɔn a wɔgye die no nkwa.
22 Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne,+ na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa;+ 23 na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔsɛn no+ no ho asɛm, deɛ ɛyɛ suntidua+ ma Yudafoɔ ne nkwaseasɛm ma amanaman no;+ 24 nanso wɔn a wɔafrɛ wɔn, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa fam deɛ, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi+ ne Onyankopɔn nyansa.+ 25 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nkwaseadeɛ wɔ nyansa kyɛn nnipa, na Onyankopɔn adeɛ a ɛyɛ mmerɛ yɛ den kyɛn nnipa.+
26 Anuanom, mo ara moahunu wɔ mo frɛ mu sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ+ pii, na ɛnyɛ atumfoɔ+ anaa adehyeɛ pii na ɔfrɛɛ+ wɔn; 27 na mmom wiase nkwaseadeɛ+ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo; na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo;+ 28 na Onyankopɔn ayi wiase nneɛma a ɛnsɛ hwee ne deɛ wɔbu no animtia, nneɛma a ɛnni hɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtu deɛ ɛwɔ hɔ aguo,+ 29 na ɔhonam biara anhoahoa ne ho+ Onyankopɔn anim. 30 Na ne nti na mowɔ Kristo Yesu mu, deɛ wabɛyɛ Onyankopɔn nyansa+ ne tenenee+ ne ahoteɛ+ ne ahofadie a ɛfiri agyedeɛ+ mu ama yɛn no, 31 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na aba mu sɛdeɛ wɔatwerɛ no sɛ: “Deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Yehowa mu.”+