Asomafoɔ Nnwuma
26 Agripa+ ka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Wowɔ hokwan sɛ woyi w’ano.” Ɛnna Paulo tenee ne nsa+ firii aseɛ yii n’ano+ sɛ:
2 “Deɛ Yudafoɔ no de abɔ me soboɔ+ nyinaa, ɛyɛ me dɛ sɛ wo Ɔhene Agripa anim na merebɛyi m’ano nnɛ da yi, 3 ne titire ne sɛ wonim amanneɛ+ nyinaa ne akyinnyegyeɛ a ɛwɔ Yudafoɔ mu. Ne saa nti mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.
4 “Nokorɛm no, asetena+ a mefirii aseɛ firi mmɔfraase wɔ me man mu ne Yerusalem deɛ, Yudafoɔ 5 a wɔnim me dada firi mfitiaseɛ no nyinaa nim, na wɔpɛ a wɔbɛtumi adi me ho adanseɛ sɛ mebɔɔ me bra sɛdeɛ yɛn som mu amanneɛ+ teɛ pɛpɛɛpɛ sɛ Farisini.+ 6 Nanso afei bɔhyɛ+ a Onyankopɔn de maa yɛn agyanom ho anidasoɔ+ nti na megyina atemmuo adwa anim yi; 7 na yɛn mmusuakuo dumienu no som no dendeenden awia ne anadwo a wɔn ani da so sɛ wɔn nsa bɛka saa bɔhyɛ yi mmamu.+ Ɔhene, saa anidasoɔ yi ho na Yudafoɔ abɔ me soboɔ yi.+
8 “Adɛn nti na monnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?+ 9 Me nso, na medwene me mu sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasareni Yesu din; 10 na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛɛ no Yerusalem, na menyaa tumi firii asɔfoɔ mpanimfoɔ no hɔ+ de akronkronfoɔ bebree guu afiase;+ na sɛ wɔrekum wɔn a, mefoa so. 11 Na metwee wɔn aso mprɛ pii wɔ hyia adan+ nyinaa mu sɛdeɛ wɔbɛka biribi de apo wɔn gyidie; na ɛsiane m’ani a na abere wɔn so paa nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtaa wɔn wɔ hɔ.
12 “Berɛ a megu so reyɛ yei a mede tumi ne ahyɛdeɛ a menya firii asɔfoɔ mpanimfoɔ no hɔ rekɔ Damasko,+ 13 na ɛduruu owigyinaeɛ no, Ɔhene, mehunuu hann bi a ano yɛ den sene awia sɛ ahyerɛn firi soro atwa me ne wɔn a wɔne me rekɔ no ho ahyia wɔ kwan no so.+ 14 Na berɛ a yɛn nyinaa hwehwee fam no, metee sɛ nne bi ka kyerɛɛ me Hebri kasa mu sɛ, ‘Saul, Saul, adɛn nti na wotaa me? Sɛ wokɔ so tu wo nan wɔ poma ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.’+ 15 Na mekaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa no+ no. 16 Nanso, sɔre gyina wo nan so.+ Na yei nti na mama woahu me, sɛ mereyi wo sɛ ɔsomfoɔ ne ɔdanseni+ wɔ deɛ woahunu ne deɛ mɛma woahunu afa me ho nyinaa ho; 17 na mɛgye wo nso afiri ɔman yi ne amanaman a meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam,+ 18 na woabue wɔn ani,+ adane wɔn afiri esum+ mu aba hann+ mu, na wɔafiri Satan tumi+ mu aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fafirie+ ne agyapadeɛ+ wɔ wɔn a wɔnam me mu gyidie so ate+ wɔn ho no mu.’
19 “Enti Ɔhene Agripa, manyɛ anisoadeɛ a ɛfiri soro no ho asoɔden,+ 20 mmom no, mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko+ kane ne afei Yerusalem,+ ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman+ no, sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmfa nnwuma a ɛkyerɛ adwensakra so nnane mmra Onyankopɔn nkyɛn.+ 21 Yei nti na Yudafoɔ kyee me asɔrefie hɔ pɛɛ sɛ wɔku me.+ 22 Nanso mmoa+ a manya no Onyankopɔn nkyɛn nti na makɔ so atena hɔ abɛduru nnɛ a meredi adanseɛ akyerɛ nketewa ne akɛseɛ nyinaa yi; menkaa hwee, gye nsɛm a Adiyifoɔ+ no ne Mose+ kaa sɛ ɛbɛba no, 23 sɛ Kristo no bɛhunu amane,+ na ɛsiane sɛ wɔadi kan anyane+ no afiri awufoɔ mu nti, wabɔ hann+ ho dawuro akyerɛ nkurɔfoɔ yi ne amanaman+ no.”
24 Afei berɛ a ɔreka nsɛm yi de ayi n’ano no, Festo de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Paulo, worebɔ dam!+ Adesua pii reyɛ abɔ wo dam!” 25 Na Paulo kaa sɛ: “Ɛnyɛ dam na merebɔ, Onimuonyamfoɔ Festo, na mmom mereka nsɛm a ɛyɛ nokorɛ na aba wom. 26 Nokwasɛm nie, ɔhene a mede nnam rekasa akyerɛ no yi nim nsɛm yi mu yie; na menim sɛ nsɛm yi mu biara nni hɔ a ahunta no, ɛfiri sɛ ɛnyɛ adeɛ a wɔyɛɛ no kokoam.+ 27 Ɔhene Agripa, wogye Adiyifoɔ no di? Menim sɛ wogye wɔn di.”+ 28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Aka berɛ tiaa bi na woama madane Kristoni.” 29 Ɛnna Paulo kaa sɛ: “Sɛ me yam a, anka berɛ tiaa bi oo, berɛ tenten oo, ɛnyɛ wo nko, na mmom anka Onyankopɔn ayɛ wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso sɛdeɛ meteɛ yi, a mpokyerɛ yi nka ho.”
30 Na ɔhene no sɔreeɛ, na amrado no ne Bernike ne mmarima a wɔne wɔn tete hɔ no nso yɛɛ saa ara. 31 Na berɛ a wɔtwee wɔn ho no, asɛm a na wɔreka ara ne sɛ: “Onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ ɔwuo+ anaa wɔgu no mpokyerɛ.” 32 Afei nso, Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ onipa yi de asɛm no akɔdan+ Kaesare a, anka ɔbɛtumi afa ne ho adi.”