Yohane
5 Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ+ bi duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Tadeɛ bi wɔ Yerusalem nnwanten ponkɛseɛ+ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ abrannaa nnum. 3 Ɛha na na ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo pii deda. 4 —— 5 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a wayare mfeɛ aduasa nwɔtwe. 6 Berɛ a Yesu hunuu ɔbarima yi sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wayare berɛ tenten no,+ ɔbisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”+ 7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: “Owura, menni obiara a sɛ nsuo no hono a ɔde me bɛkɔ akɔto tadeɛ no mu; na sɛ mereba a, na obi adi m’anim akɔtɔ mu.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre fa wo kɛtɛ na nante.”+ 9 Ɛhɔ ara na ɔbarima no ho yɛɛ no den, na ɔfaa ne kɛtɛ firii aseɛ nanteeɛ.
Ná saa da no yɛ homeda.+ 10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ ɔbarima a wɔasa no yareɛ no sɛ: “Ɛyɛ Homeda, na mmara mma kwan+ sɛ wobɛsoa kɛtɛ no.” 11 Ɛnna ɔbuaa wɔn sɛ: “Deɛ ɔsaa me yareɛ no ara na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante.’” 12 Wɔbisaa no sɛ: “Onipa bɛn na ɔka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa wo kɛtɛ na nante’ no?” 13 Nanso na ɔbarima a wɔasa no yareɛ no nnim onipa korɔ, ɛfiri sɛ na Yesu atwe ne ho afiri hɔ kɔ ɛsiane nnipakuo a wɔwɔ hɔ no nti.
14 Yeinom akyi no, Yesu hunuu no asɔrefie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo ho ayɛ wo den. Nyɛ bɔne bio na biribi a ɛsene yei anyɛ wo.” 15 Ɔbarima no firii hɔ kɔeɛ, na ɔkɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den. 16 Asɛm yi maa Yudafoɔ no firii aseɛ taa+ Yesu, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ yeinom Homeda. 17 Na ɔbuaa wɔn sɛ: “M’Agya ayɛ adwuma abɛsi sɛsɛɛ, na me nso mekɔ so yɛ adwuma.”+ 18 Yei koraa na ɛmaa Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛku no,+ ɛfiri sɛ ɛnyɛ Homeda nko na na ɔrebu soɔ, na mmom ɔfrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya,+ yɛɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.+
19 Enti Yesu toaa so maa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ ɔhunu sɛ Agya no reyɛ.+ Na biribiara a Ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ. 20 Agya no pɛ Ɔba+ no asɛm na ɔkyerɛ no nneɛma a ɔno ara yɛ nyinaa, na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene yeinom na ayɛ mo nwanwa.+ 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ na ɔma wɔn nkwa no,+ saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ ba nkwa mu.+ 22 Na Agya no mmu obiara atɛn, na mmom ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,+ 23 na ama obiara adi Ɔba no ni+ sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, deɛ ɔtie m’asɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa,+ na ɔmma atemmuo mu, na mmom wafiri owuo mu aba nkwa mu.+
25 “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, dɔn no reba, na aduru, sɛ awufoɔ+ bɛte Onyankopɔn Ba no nne,+ na wɔn a wɔayɛ asõ atie no bɛnya nkwa.+ 26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa wɔ ɔno ara ne mu no,+ saa ara na ɔde ama Ɔba no sɛ ɔno nso nnya nkwa wɔ ɔno ara ne mu.+ 27 Na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ onipa Ba.+ 28 Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkaeɛ ada+ mu nyinaa bɛte ne nne 29 na wɔafiri adi; wɔn a wɔyɛɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu,+ na wɔn a wɔyɛɛ akyiwadeɛ no akɔ atemmuo wusɔreɛ mu.+ 30 Mentumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; deɛ meteɛ no ara na megyina so bu atɛn; na atɛn a mebuo no tene,+ ɛfiri sɛ menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.+
31 “Sɛ me nko ara medi me ho adanseɛ+ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.+ 32 Obi foforɔ wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi+ no me ho no yɛ nokorɛ. 33 Moasoma nnipa akɔ Yohane hɔ, na wadi nokorɛ no ho adanseɛ.+ 34 Nanso mennye adanseɛ mfiri nnipa hɔ, na meka yeinom na moanya nkwa.+ 35 Ná ɔyɛ kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn, na mo deɛ, na mopɛ sɛ mo ani gye kɛse wɔ ne hann mu+ berɛ kakra. 36 Nanso, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no, ɛfiri sɛ nnwuma a m’Agya de ahyɛ me nsa sɛ menyɛ no, nnwuma a mereyɛ+ no ara di me ho adanseɛ sɛ Agya no na ɔsomaa me. 37 Bio nso, Agya a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ.+ Mo deɛ, montee ne nne da na monhunuu ne nipaban nso;+ 38 na n’asɛm nni mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no ara mpo, monnye no nni.
39 “Mohwehwɛ Twerɛnsɛm no mu,+ ɛfiri sɛ mosusu sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa; na ɛno ara nso na ɛdi me ho adanseɛ.+ 40 Nanso, mompɛ sɛ moba me nkyɛn bɛnya nkwa.+ 41 Mennye animuonyam mfiri nnipa hɔ,+ 42 na menim yie sɛ monni Onyankopɔn dɔ wɔ mo mu.+ 43 M’Agya din mu na mebaeɛ,+ nanso monnye me; sɛ obi foforɔ ba ɔno ara ne din mu a, ɔno deɛ, mobɛgye no. 44 Mobɛyɛ dɛn na moagye adi berɛ a mogye animuonyam+ firi mo ho mo ho nkyɛn na monnye animuonyam a ɛfiri Onyankopɔn koro no nkyɛn no?+ 45 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo soboɔ akyerɛ Agya no; ɔbaako pɛ na ɔbɔ mo soboɔ, Mose,+ deɛ mode mo ani ato ne soɔ no. 46 Nokorɛm, sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ ɔtwerɛɛ me ho asɛm.+ 47 Na sɛ monnye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no nni a,+ ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?”