Kolosefoɔ
3 Enti, sɛ wɔanyane mo+ ne Kristo a, monkɔ so nhwehwɛ nneɛma a ɛwɔ soro,+ baabi a Kristo teɛ wɔ Onyankopɔn nsa nifa soɔ+ no. 2 Momfa mo adwene nsi nneɛma a ɛwɔ soro so,+ na ɛnyɛ nneɛma a ɛwɔ asase soɔ.+ 3 Na mowuiɛ,+ na wɔde mo nkwa+ ne Kristo ahunta Onyankopɔn mu.+ 4 Sɛ wɔda Kristo, yɛn nkwa+ no, adi a, mo nso wɔbɛda mo adi+ aka ne ho animuonyam mu.+
5 Enti, monkum+ mo nipadua akwaa+ a ɛwɔ asase soɔ no wɔ adwamammɔ, afĩdeɛ, nna ho akɔnnɔ,+ nkate bɔne, ne anibereɛ+ a ɛyɛ abosonsom ho. 6 Saa nneɛma yi nti na Onyankopɔn abufuo reba.+ 7 Mo nso berɛ bi a na mote saa nneɛma no mu no, monantee saa ara.+ 8 Nanso afei monyi ne nyinaa ngu,+ bobɔne, abufuo, nnebɔne, kasatia;+ na mommma kasafĩ+ mmfiri mo anom mmpue. 9 Monnnidi atorɔ nnkyerɛ mo ho.+ Monyi nipasu dada+ no ne ne nneyɛɛ ngu, 10 na monhyɛ nipasu foforɔ+ a wɔnam nokorɛ nimdeɛ so reyɛ no foforɔ sɛdeɛ Onii a ɔbɔeɛ no suban+ teɛ, 11 baabi a Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ+ nni hɔ, na mmom Kristo ne adeɛ nyinaa wɔn nyinaa mu no.+
12 Enti sɛ́ nnipa a Onyankopɔn ayi mo,+ akronkronfoɔ ne adɔfo no, monhyɛ ayamhyehyeɛ,+ ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene,+ ɔdwoɔ,+ ne abodwokyɛreɛ.+ 13 Sɛ obi wɔ asɛm+ tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho aboterɛ na momfa mfirifiri mo ho korakora.+ Sɛdeɛ Yehowa de afiri mo+ no, mo nso monyɛ saa ara. 14 Na yeinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ+ ɛfiri sɛ ɛyɛ koroyɛ homa+ a ɛyɛ pɛ.
15 Bio nso, momma Kristo asomdwoeɛ+ nni mo akoma+ so, na ɛno mu na wɔfrɛɛ mo baeɛ wɔ nipadua baako+ mu. Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ. 16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu mmoro so nyansa+ nyinaa mu. Monkɔ so mfa nnwom,+ ayeyie, ne honhom mu nnwom+ a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ+ mo ho mfa ntutu mo ho fo, na monto nnwom mo akoma mu mma Yehowa.+ 17 Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo, adwuma mu oo,+ monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu+ mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.+
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase+ mma mo kununom, sɛdeɛ ɛfata Awurade mu. 19 Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom,+ na mommma mo bo mmfu wɔn dendeenden.+ 20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm+ adeɛ nyinaa mu, na yei na ɛsɔ ani Awurade mu. 21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo+ na wɔn abam ammu. 22 Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm adeɛ nyinaa mu,+ ɛnyɛ nnipa ani so som, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani,+ na mmom akoma a emu teɛ mu, Yehowa suro+ mu. 23 Biribiara a moreyɛ no, momfiri ɔkra nyinaa mu nyɛ+ no sɛ moyɛ ma Yehowa+ na ɛnyɛ nnipa, 24 ɛfiri sɛ monim sɛ Yehowa nsam+ na mobɛnya akatua a ɛfata no sɛ apɛgyadeɛ.+ Monsom Owura Kristo no sɛ nkoa.+ 25 Nokorɛm no, deɛ ɔyɛ bɔne no bɛnya adebɔne a ɔyɛeɛ no so akatua,+ na animhwɛ nnim.+