Mika
6 Mesrɛ mo, montie deɛ Yehowa reka.+ Monsɔre nka mo asɛm wɔ mmepɔ anim, na nkokoɔ nte mo nne.+ 2 Mmepɔ, nneɛma a ɛtim hɔ daa, asase nnyinasoɔ,+ montie Yehowa asɛm, ɛfiri sɛ Yehowa ne ne nkurɔfoɔ anya asɛm na ɔne Israel bɛdi asɛm:+
3 “O me man,+ ɛdeɛn na mayɛ mo? Na ɛdeɛn na mede ahyɛ mo brɛ?+ Monka ɛ.+ 4 Hwɛ, me na meyii mo firii Egypt asase so+ gyee mo firii nkoafie,+ na memaa Mose ne Aaron ne Miriam dii mo anim.+ 5 Me man, mesrɛ mo, monkae+ deɛ Moab hene Balak bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ,+ ne mmuaeɛ a Beor ba Balaam de maa no,+ deɛ ɛsiiɛ firi Sitim+ kɔsi Gilgal,+ na ama obiara ahunu Yehowa adetenenee.”+
6 Ɛdeɛn na memfa mmra+ Yehowa anim? Ɛdeɛn na memfa mmɛkoto ɔsorosoroni Nyankopɔn no?+ Memfa mmoa mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ mma no, anantwie mma a wɔadi afe afe anaa? 7 Yehowa ani bɛsɔ adwennini mpempem ne ngo asutene mpem du du?+ Memfa m’abakan ntua m’atuateɛ ka, na memfa me yafunu mu aba mpata me kra bɔne anaa?+ 8 Ɔdasani, waka deɛ ɛyɛ akyerɛ wo.+ Na ɛdeɛn na Yehowa hwehwɛ firi wo hɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛdi asɛntenenee+ na woadɔ ayamyɛ+ na woabrɛ wo ho ase+ ne wo Nyankopɔn ananteɛ.+
9 Yehowa refrɛ kuro no,+ na onyansafoɔ bɛsuro wo din.+ Montie abaa no ne deɛ ɔde maeɛ no.+ 10 Ademudeɛ a wɔbɔɔ apoo nyaeɛ no bi da so ara wɔ ɔbɔnefoɔ fie anaa?+ Na susudeɛ a wɔamia ho a ɛyɛ abusudeɛ nso ɛ? 11 Nsania bɔne ne bɔtɔwa a nkontompo nkariboɔ wom bɛma me ho ate anaa?+ 12 Amumuyɔsɛm ahyɛ kuro no mu adefoɔ mã, na emufoɔ ka atosɛm,+ na wɔn kɛtrɛma to bradɛ wɔ wɔn anom.+
13 “Na me nso mɛbɔ wo ama woayare,+ na wo bɔne nti wobɛdane amamfõ.+ 14 Wobɛdidi nanso woremmee, na wo yafunu bɛda mpan.+ Wobɛtwe wo nneɛma nanso worentumi nkora so, na deɛ wobɛkora soɔ mpo no mede bɛma nkrantɛ.+ 15 Wobɛdua nanso worentwa. Wobɛboro ngo aba nanso worennya ngo nsra. Wobɛkyĩ nsã nanso worennya nsã nnom.+ 16 Omri ahyɛdeɛ+ ne Ahab fie nnwuma nyinaa na modi akyire,+ na wɔn agyinatuo mu na monanteɛ.+ Enti mɛma mo ho ayɛ aman pii nwanwa na wɔde hwerɛmabɔ ahuru kuro no mufoɔ,+ na amanaman bɛdi mo ho fɛ.”+