Numeri
33 Yei ne Israelfoɔ akwantuo ho nsɛm, berɛ a Mose ne Aaron+ dii wɔn asafodɔm+ anim firii Egypt asase soɔ+ no. 2 Mose yɛɛ baabi a wɔsoɛeɛ no nyinaa ho twerɛtohɔ sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no. Sɛdeɛ wɔn akwantuo no kɔeɛ nie:+ 3 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunum+ no, wɔtu firii Ramese.+ Yei kyerɛ sɛ da a wɔdii twam+ no, adeɛ kyeeɛ ara na Israelfoɔ de ahosɛpɛ firii Egyptfoɔ nyinaa anim kɔeɛ.+ 4 Saa berɛ yi nyinaa na Egyptfoɔ ani abere resie wɔn mmakan+ a Yehowa kunkum wɔn no. Na wɔn anyame nso, Yehowa buu wɔn atɛn.+
5 Enti Israelfoɔ tu firii Ramese+ kɔsoɛɛ Sukot.+ 6 Na wɔtu firii Sukot kɔɔ Etarm,+ wɔ serɛ no ano. 7 Wɔfiri Etarm no, wɔdanee wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Pihahirot+ a ɛwɔ Baal-Sefon+ anim no, na wɔkɔtenaa Migdol+ nkyɛn baabi. 8 Akyire yi, wɔtu firii Pihahirot kɔfaa po no mfimfini+ kɔɔ serɛ so,+ na wɔtwaa kwan nnansa faa Etarm+ serɛ so kɔsoɛɛ Mara.+
9 Afei wɔfiri Mara baa Elim.+ Ná asutire dumienu ne mmedua aduɔson wɔ Elim, enti wɔsoɛɛ hɔ. 10 Akyire yi, wɔtu firii Elim kɔtenaa Po Kɔkɔɔ no ho. 11 Na wɔfiri Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sin serɛ so.+ 12 Berɛ a wɔfirii Sin serɛ soɔ no, wɔkɔɔ Dofka. 13 Akyire yi, wɔfiri Dofka kɔɔ Alus. 14 Wɔtu firii Alus kɔɔ Refidim.+ Nanso na nsuo nni hɔ a nnipa no bɛnom. 15 Afei wɔfiri Refidim kɔɔ Sinai serɛ so.+
16 Berɛ bi akyi no, wɔfirii Sinai serɛ so kɔɔ Kibrot-Hatawa.+ 17 Wɔtu firii Kibrot-Hatawa kɔɔ Haserot.+ 18 Berɛ a wɔfirii Haserot no, wɔkɔɔ Ritma. 19 Afei wɔfiri Ritma bɛsoɛɛ Rimon-Peres. 20 Wɔtu firii Rimon-Peres kɔɔ Libna. 21 Akyire yi, wɔfiri Libna kɔɔ Risa. 22 Wɔtu firii Risa kɔɔ Kehelata. 23 Na wɔfiri Kehelata kɔɔ Bepɔ Sefa so.
24 Akyire yi, wɔfiri Bepɔ Sefa so kɔsoɛɛ+ Harada. 25 Wɔfiri Harada kɔɔ Makelot. 26 Afei wɔtu+ firii Makelot kɔɔ Tahat. 27 Berɛ bi akyi no, wɔfirii Tahat kɔɔ Tera. 28 Wɔtu firii Tera kɔɔ Mitka. 29 Akyire yi, wɔfiri Mitka kɔɔ Hasmona. 30 Wɔfiri Hasmona kɔɔ Moserot. 31 Afei wɔtu firii Moserot kɔɔ Bene-Yaakan.+ 32 Wɔfiri Bene-Yaakan nso kɔɔ Hor-Hagidgad. 33 Na wɔtu firii Hor-Hagidgad kɔɔ Yotbata.+ 34 Wɔfiri Yotbata kɔɔ Abrona. 35 Afei wɔtu firii Abrona kɔɔ Esion-Geber.+ 36 Wɔfiri Esion-Geber kɔɔ Kades wɔ Sina serɛ so.+
37 Akyire yi, wɔfiri Kades kɔɔ Bepɔ Hor+ so wɔ Edom hyeɛ so. 38 Afei ɔsɔfoɔ Aaron kɔɔ Bepɔ Hor so, sɛdeɛ Yehowa hyɛeɛ no, na ɔwuu hɔ. Yei yɛ berɛ a Israelfoɔ firii Egypt asase soɔ no afe a ɛtɔ so aduanan, bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan.+ 39 Berɛ a Aaron wuu Bepɔ Hor soɔ no, na wadi mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa.
40 Saa berɛ no, na Arad+ hene a ɔyɛ Kanaanni te Negeb+ wɔ Kanaan asase so, na ɔtee sɛ Israelfoɔ no reba.
41 Afei wɔfiri Bepɔ Hor+ so kɔɔ Salmona. 42 Wɔtu firii Salmona kɔɔ Punon. 43 Akyire yi, wɔfiri Punon kɔɔ Obot.+ 44 Afei wɔfiri Obot kɔɔ Ye-Abarim wɔ Moab+ hyeɛ so. 45 Na wɔfiri Ayim kɔɔ Dibon-Gad.+ 46 Akyire yi, wɔtu firii Dibon-Gad kɔɔ Almon-Diblataim. 47 Na wɔfiri Almon-Diblataim+ kɔɔ Abarim+ mmepɔ so wɔ Nebo+ anim. 48 Afei wɔfiri Abarim mmepɔ so kɔɔ Moab serɛ so,+ baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no. 49 Na wɔtenaa Moab serɛ so wɔ Yordan ho, firi Bet-Yesimot+ kɔsi Abel-Sitim.+
50 Afei Yehowa ne Mose kasaa Moab serɛ so, baabi a ɛbɛn Yordan wɔ Yeriko no.+ Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 51 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Morebɛtwa Yordan akɔ Kanaan asase so.+ 52 Mompamo nnipa a wɔtete asase no soɔ nyinaa mfiri hɔ, na monsɛe wɔn aboɔ ahoni+ ne dadeɛ ahoni+ ne wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.+ 53 Momfa asase no ntena so, ɛfiri sɛ mede ama mo sɛ mo agyapadeɛ.+ 54 Mommɔ ntonto+ nkyɛ asase no mma mmusua mmusua+ no. Momma wɔn a wɔdɔɔso no nnya kɛse, na wɔn a wɔsua no, monte wɔn deɛ so.+ Deɛ ntonto no bɛkyerɛ no, ɛno na ɛbɛyɛ abusua biara deɛ.+ Monnye asase no sɛdeɛ mo agyanom abusuakuo teɛ.+
55 “‘Na sɛ moampamo wɔn a wɔtete asase no soɔ+ nyinaa a, ɛnneɛ wɔn a wɔbɛka hɔ no bɛyɛ sɛ duaa bi a ɛwowɔ mo ani ne nkasɛɛ bi a ɛhyɛ mo honam mu, na wɔbɛha mo, asase a mobɛtena soɔ no so.+ 56 Sɛ ɛba saa a, deɛ mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no, mede bɛba mo so.’”+