2 Korintofoɔ
1 Me, Paulo, a menam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ,+ ne yɛn nua Timoteo,+ de kɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, ne akronkronfoɔ+ nyinaa a wɔwɔ Akaia+ baabiara:
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.+
3 Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya+ ne ne Nyankopɔn a ɔyɛ ahummɔborɔ+ Agya ne awerɛkyekyerɛ+ nyinaa Nyankopɔn, 4 deɛ ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nso, awerɛkyekyerɛ yi a yɛnya firi Onyankopɔn hɔ+ nti, yɛbɛtumi akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu no werɛ.+ 5 Na sɛdeɛ amaneɛ a Kristo nti yɛhunu dɔɔso yɛn soɔ+ no, saa ara na awerɛkyekyerɛ a Kristo nti yɛnya no nso dɔɔso.+ 6 Na sɛ yɛwɔ ahohiahia mu a, ɛyɛ mo awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ+ ntira; anaa sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ a ɛma motumi gyina amanehunu a yɛn nso yɛhyia bi+ no mu. 7 Ne saa nti ahotɔsoɔ a yɛwɔ no nhinhim, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ sɛdeɛ mohunu amaneɛ no bie no, saa ara na mobɛnya awerɛkyekyerɛ no nso bie.+
8 Anuanom, yɛmpɛ sɛ mo ani pa ahohiahia a ɛbaa yɛn so wɔ Asia mantam+ mu no so, nhyɛsoɔ kɛseɛ a ɛboroo yɛn ahoɔden so a ɛbaa yɛn so maa yɛsuroo sɛ yɛn nkwa mpo ho bɛba asɛm no.+ 9 Nokwasɛm ne sɛ yɛtee nka yɛn mu sɛ yɛawu awie. Yei baa saa na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ara yɛn ho so,+ na mmom yɛde yɛn ho ato Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ+ no so. 10 Ɛfiri sɛ ɔgyee yɛn firii ade kɛseɛ te sɛ owuo mu, na ɔbɛgye yɛn;+ na yɛn ani da ne so sɛ ɔbɛkɔ so agye yɛn.+ 11 Deɛ mo nso mobɛtumi ayɛ aboa ne sɛ mobɛsrɛ ama yɛn,+ na ama nnipa pii ada ase+ ama yɛn wɔ deɛ nnipa pii mpaebɔ+ nti wɔde adom yɛn no ho.
12 Yei ne deɛ yɛde hoahoa yɛn ho a yɛn ahonim di ho adanseɛ,+ sɛ kronnyɛ ne nokorɛdie a ɛfiri Onyankopɔn mu, a ɛnyɛ nnipa nyansa,+ na mmom Onyankopɔn adom, na yɛde abɔ yɛn bra wɔ wiase, ne titire no ɛkwan a yɛfaa so ne mo diiɛ no mu. 13 Deɛ yɛretwerɛ mo no nyɛ biribiara sɛ deɛ monim dada anaa mogye tom no ara; na mewɔ anidasoɔ sɛ mobɛkɔ so agye atom akɔsi awieeɛ,+ 14 sɛdeɛ moagye atom wɔ kwan bi so sɛ yɛn nti mobɛtumi ahoahoa mo ho,+ sɛdeɛ mo nti yɛn nso yɛbɛyɛ no yɛn Awurade Yesu da no mu no.+
15 Enti ahotɔsoɔ yi na na mewɔ berɛ a mebɔɔ me tirim sɛ anka mɛba mo nkyɛn+ no, na moanya anigyeɛ ne mprenu so,+ 16 na mesi mo nkyɛn a mafa so akɔ Makedonia,+ na mafiri Makedonia asan aba mo nkyɛn+ bio, na moagya me kwan+ kakra ama makɔ Yudea. 17 Na berɛ a mebɔɔ me tirim saa no, mede nsɛm dii agorɔ anaa?+ Anaasɛ me tirim a mebɔ no, mebɔ no honam mu,+ na ama m’asɛm ayɛ “Aane, Aane” ne “Dabi, Dabi”?+ 18 Nanso Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ, enti yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no, ɛnyɛ Aane ne Dabi. 19 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ba+ Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo,+ kaa ne ho asɛm mo mu no ammɛyɛ Aane ne Dabi, na mmom Aane abɛyɛ Aane wɔ ne fam.+ 20 Na Onyankopɔn bɔhyɛ+ dodoɔ nyinaa nam ne so ayɛ Aane.+ Enti nso, ɛnam ne so na yɛka “Amen”+ kyerɛ Onyankopɔn de hyɛ no animuonyam. 21 Na Onyankopɔn ne deɛ ɔsi so dua sɛ mo ne yɛn yɛ Kristo dea, na ɔno na wasra+ yɛn. 22 Afei nso wasɔ yɛn ano,+ na wama yɛn deɛ ɛbɛba no ho sɛnkyerɛnne,+ a ɛne honhom+ no, wɔ yɛn akoma mu.
23 Afei, Onyankopɔn ne me kra danseni+ sɛ deɛ ɛbɛyɛ a mo werɛ renho pii+ nti na mennya mmaa Korinto no. 24 Yɛnyɛ mo gyidie so atumfoɔ,+ na mmom yɛyɛ mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ+ a yɛboa ma mo ani gyeɛ, ɛfiri sɛ mo gyidie+ na ama mogyina hɔ.+