Romafoɔ
1 Me Paulo, mene Yesu Kristo akoa+ a wɔafrɛ+ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ,+ deɛ wɔatu no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa+ no. 2 Asɛmpa yi na ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee+ Twerɛ kronkron no mu. 3 Asɛm yi fa ne Ba no ho; ɔno na ɔfiri Dawid ase+ ɔhonam mu,+ 4 nanso wɔde tumi+ daa no adi sɛ Onyankopɔn Ba+ wɔ honhom+ kronkron mu nam awufoɔ sɔreɛ+ so; ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ho, 5 deɛ yɛnam ne so anya adom+ ne asomafodwuma+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne din nti amanaman nyinaa+ bɛyɛ asoɔmmerɛ wɔ gyidie mu no. 6 Saa amanaman no mu na wɔafrɛ mo nso ama moabɛyɛ Yesu Kristo dea. 7 Meretwerɛ akɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma a wɔafrɛ+ wɔn abɛyɛ akronkronfoɔ+ nyinaa:
Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo+ adom ne asomdwoeɛ+ nka mo.
8 Deɛ ɛdi kan koraa no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase+ wɔ mo nyinaa mo ho, ɛfiri sɛ wɔka mo gyidie ho asɛm+ wɔ wiase mmaa nyinaa. 9 Na Onyankopɔn a mede me honhom nyinaa som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no ne me danseni+ sɛ mennyaee mo din bɔ da wɔ me mpaebɔ mu,+ 10 na mesrɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yie na sɛ Onyankopɔn pɛ+ nko ara deɛ a, mɛnya hokwan aba mo nkyɛn, 11 ɛfiri sɛ me ho pere me sɛ mɛhu mo,+ na mama mo honhom mu akyɛdeɛ+ bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo ase bɛtim; 12 anaa me ne mo nyinaa, obiara bɛnya nkuranhyɛ+ afiri ne yɔnko hɔ, obiara nam ne yɔnko gyidie+ so, me ne mo nyinaa deɛ.
13 Nanso anuanom,+ mempɛ sɛ ɛsuma mo sɛ mabɔ me tirim mprɛ pii sɛ mɛba mo nkyɛn+ na mabɛnya aba+ wɔ mo mu sɛdeɛ menyaa no aman a aka mu no, nanso ɛde bɛsi nnɛ no, mennyaa kwan. 14 Mede Helafoɔ ne Pɔtɔfoɔ ka; mede anyansafoɔ+ ne wɔn a wɔnni nimdeɛ nyinaa ka: 15 enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa+ no akyerɛ mo nso wɔ Roma.+ 16 Na m’ani nwu+ asɛmpa no ho; nokorɛm no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi+ a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidie+ nkwa, Yudani kane+ ne afei Helani;+ 17 ɛfiri sɛ emu na wɔnam gyidie+ so reyi Onyankopɔn tenenee+ adi akɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Na ɔteneneeni deɛ—ɛnam gyidie so na ɔbɛnya nkwa.”+
18 Na wɔreyi Onyankopɔn abufuo+ adi firi soro atia nnipa a wɔnam kwammɔne+ so si nokorɛ no kwan+ no amumuyɔ ne wɔn mmarato+ nyinaa, 19 ɛfiri sɛ deɛ wɔbɛtumi ahunu afa Onyankopɔn ho no da adi wɔn mu,+ na Onyankopɔn yii no adi kyerɛɛ wɔn.+ 20 Na ne su hodoɔ a wɔnhunu+ no ada adi pefee firi wiase bɔ so,+ ɛfiri sɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ɛhunu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wɔnni anoyie biara;+ 21 ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase+ nso, mmom no, wɔsusuu nsɛnhuhuo+ ho, na wɔn akoma a asene no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wɔyɛ anyansafoɔ deɛ, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafoɔ+ 23 na wɔdanee Onyankopɔn a ɔmporɔ no animuonyam+ yɛɛ no sɛ onipa a ɔporɔ ne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam+ honi.+
24 Enti sɛdeɛ wɔn akoma mu akɔnnɔ teɛ no, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afĩdeɛ+ na agu wɔn nipadua+ ho fĩ wɔn mu;+ 25 wɔn a wɔde Onyankopɔn nokorɛ+ sesaa atorɔ,+ na wɔdii abɔdeɛ ni som wɔn senee Ɔbɔadeɛ no; ɔno na nhyira nka no daa daa. Amen. 26 Ɛno nti na Onyankopɔn gyaa wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwuo,+ ɛfiri sɛ wɔn mmaa de wɔn honam fam nkutahodie a ɛyɛ ne kwan so deɛ sesaa deɛ ɛnyɛ ne kwan so deɛ;+ 27 na saa ara na mmarima no nso gyaa wɔne mmaa ntam nkutahodie a ɛyɛ ne kwan so+ deɛ no, maa wɔn mfɛfoɔ ho akɔnnɔ dɛree wɔn mu, na mmarima ne mmarima+ yɛɛ adapaadeɛ,+ na wɔnyaa akatua mũ a ɛfata wɔn+ bɔne no wɔ wɔn mu.+
28 Na wɔampɛ sɛ wɔhunu Onyankopɔn wɔ nokorɛ nimdeɛ mu,+ enti Onyankopɔn gyaa wɔn maa adwene a ɛntene+ sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ,+ 29 na deɛ ɛntene+ nyinaa, amumuyɔ,+ anibereɛ,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaa,+ awudie,+ ntawantawadie,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wɔtutu nsɛm gu nkurɔfoɔ asom,+ 30 wɔn ano yɛ ya,+ wɔtan Onyankopɔn, wɔyɛ aniammɔnho,+ wɔyɛ ahantanfoɔ,+ ahohoahoafoɔ,+ nnebɔne farebaefoɔ,+ awofoɔ so asoɔdenfoɔ,+ 31 wɔnni nteaseɛ,+ wɔyɛ apamsɛefoɔ,+ wɔnni tema,+ wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ.+ 32 Saa nkurɔfoɔ yi nim Onyankopɔn ahyɛdeɛ a ɛtene no pefee+ sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no fata owuo,+ nanso ɛnyɛ yɛ nko na wɔyɛ na mmom wɔpene+ wɔn a wɔyɛ saa no nso so.