Dwom Ɔsoro-forɔ Dwom. 128 Anigyeɛ ne obiara a ɔsuro Yehowa,+Na ɔnante n’akwan soɔ.+ 2 Ɛfiri sɛ wobɛdi wo nsa ano adwuma.+W’ani bɛgye, na ɛbɛsi wo yie.+ 3 Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba+Wo pia mu, wo fie.Wo mma bɛyɛ sɛ ngodua a wɔatu atɛ+ de atwa wo pono ho ahyia. 4 Hwɛ! Saa na wɔbɛhyira ɔbarima+ aƆsuro Yehowa+ no. 5 Yehowa bɛfiri Sion ahyira wo.+Hunu Yerusalem yiedie wo nkwa nna nyinaa,+ 6 Na hunu wo mma mma.+Asomdwoeɛ nka Israel.+