Hebrifoɔ
6 Ne saa nti afei a yɛagya Kristo+ ho mfitiasesɛm+ no, momma yɛmpere nkɔ ahokokwa mu,+ na yɛanto fapem foforɔ,+ a ɛne nnwuma funu ho adwensakra+ ne Onyankopɔn mu gyidie,+ 2 asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ+ ne nsa a wɔde gu nkurɔfoɔ soɔ,+ owusɔreɛ+ ne daa atemmuo.+ 3 Na yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a,+ yɛbɛyɛ.
4 Na ɛrentumi nyɛ yie mma wɔn a wɔahunu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ+ no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron+ no bie, 5 na wɔaka Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ no ne wiase nhyehyɛeɛ a ɛreba+ no ahoɔden ahwɛ,+ 6 nanso wɔatwe wɔn ho+ no, sɛ wɔbɛsan adane wɔn aba adwensakra mu,+ ɛfiri sɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho na wɔgu n’anim ase badwam.+ 7 Sɛ nhwɛsoɔ no, asase a ɛnom nsuo a ɛtaa tɔ gu soɔ, na afei ɛma wɔn a wɔn nti na wɔdɔeɛ no nya afifideɛ a ɛyɛ no,+ ɛno nso nya Onyankopɔn hɔ nhyira. 8 Nanso sɛ ɛfifi nkasɛɛ a, wɔpo na ɛfrɛfrɛ nnome;+ na awieeɛ koraa no wɔhye.+
9 Nanso adɔfo, mo fam deɛ, yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛyɛ nneɛma pa ne nneɛma a ɛde nkwagyeɛ ba, ɛmfa ho sɛ yɛrekasa saa kwan yi soɔ no. 10 Na Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene sɛ ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho+ a ɛne sɛ moasom akronkronfoɔ+ na moda so som wɔn no. 11 Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsiyɛ korɔ no ara bi adie na ama moanya anidasoɔ+ no mu awerɛhyem+ a ɛdi mũ akɔsi aseɛ,+ 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a morenyɛ aniha,+ na mmom mobɛsuasua+ wɔn a wɔnam gyidie ne boasetɔ so nya bɔhyɛ ahodoɔ no.+
13 Na berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no,+ ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene no a ɔbɛka no ntam nti, ɔkaa ɔno ara ne ho ntam,+ 14 na ɔkaa sɛ: “Ampa ara, hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma woadɔre.”+ 15 Enti berɛ a Abraham nyaa boasetɔ no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi.+ 16 Nnipa ka deɛ ɔso sene wɔn ntam,+ na wɔn ntam no ma ɔham biara to twa, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmara kwan so adanseɛ ma wɔn.+ 17 Saa kwan yi so na berɛ a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛda sɛdeɛ n’agyinatuo nsakra+ adi pefee akyerɛ bɔhyɛ no ho adedifoɔ+ no, ɔde ntam baa mu, 18 na ama yɛn a yɛadwane akɔnya dwankɔbea no afa nneɛma mmienu a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atorɔ+ wom so anya nkuranhyɛ a emu yɛ den de asɔ anidasoɔ+ a wɔde asi yɛn anim no mu. 19 Yɛwɔ saa anidasoɔ+ yi sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛtim hɔ na ɛyɛ pintinn, na ɛfa ntwamutam+ no mu, 20 na ɛhɔ na odikanfoɔ bi ahyɛn ama yɛn,+ Yesu, a wabɛyɛ ɔsɔfo panin daa wɔ Melkisedek kwan soɔ+ no.