Luka
3 Tiberio Kaesare ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado, na Herode+ di Galilea mantam so na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti amantam so, na Lisania di Abilene mantam so, 2 wɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ Anas ne Kaiafa+ nna no mu no, Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane+ nkyɛn wɔ serɛ so.+
3 Enti ɔbaa nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu bɛkaa asubɔ a ɛyɛ adwensakra ho sɛnkyerɛnne ma bɔne fafirie no ho asɛm,+ 4 sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: “Tie! Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa kwan, momma n’akwan ntene.+ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ mã, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam, na deɛ akyea no momma no ntene na monkyimmɔnka nnane akwan tonomtonom;+ 6 na honam nyinaa bɛhunu deɛ Onyankopɔn nam so gye nkwa no.’”+
7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nnipakuo a wɔreba sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: “Nhuritia mma,+ hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane abufuo a ɛreba no?+ 8 Monso aba a ɛkyerɛ adwensakra.+ Na monnka no mo mu sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’ Na mese mo sɛ Onyankopɔn bɛtumi ama Abraham anya mma afiri aboɔ yi mu. 9 Nokorɛm no, wɔde akuma no ato nnua no nhini ho dada; enti dua biara a ɛnso aba pa no wɔbɛtwa de agu gya mu.”+
10 Deɛ na nnipakuo no bisa no ne sɛ: “Ɛdeɛn na yɛnyɛ?”+ 11 Na ɔno nso bua wɔn sɛ: “Deɛ ɔwɔ fam ntadeɛ mmienu no mma deɛ ɔnni bie no bi, na deɛ ɔwɔ biribi die nyɛ saa ara.”+ 12 Na togyefoɔ mpo baa sɛ wɔmmɔ wɔn asu, na wɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”+ 13 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnnye mmmoro ɛtoɔ a wɔatwa ato hɔ no.”+ 14 Asraafoɔ nso bisabisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na yɛn nso yɛnyɛ?” Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnnwoodwoo obiara na mommfa asɛm nnto+ obiara so, mmom momma mo ani nsɔ deɛ monya.”+
15 Berɛ a na nnipa no rehwɛ kwan na wɔn nyinaa resusu Yohane ho wɔ wɔn akoma mu sɛ: “Gyama ɔno ne Kristo no anaa?” no,+ 16 Yohane bua see wɔn nyinaa sɛ: “Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asuo, na deɛ ɔwɔ tumi sene me reba a ne mpaboa homa mpo memfata sɛ mesane.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne gya bɛbɔ mo asuo.+ 17 Ɔkura ne nhusoɔ apaawa wɔ ne nsam a ɔde bɛpra n’ayuporobea fitafita, na waboaboa+ ayuo no ano agu n’asan so, na ntɛtɛ+ no deɛ, ɔde gya+ a ɛnnum da bɛhye.”
18 Enti ɔsan de afotuo bebree maeɛ, na ɔkɔɔ so kaa asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no. 19 Nanso ɛsiane sɛ ɔyii Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ no ntɛn wɔ ne nua yere Herodia ho, ne nneɛma bɔne a Herode ayɛ nyinaa ho nti,+ 20 deɛ ɔyɛ kaa yeinom nyinaa ho ne sɛ, ɔde Yohane too afiase.+
21 Berɛ a ɔbɔɔ nnipa no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu+ nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no ɔsoro+ bueeɛ, 22 ɛnna honhom kronkron siane baa ne so te sɛ aborɔnoma, na nne bi firi soro baa sɛ: “Woyɛ me Ba a medɔ woɔ; magye wo atom.”+
23 Afei berɛ a Yesu hyɛɛ n’adwuma ase no,+ na wadi bɛyɛ mfeɛ aduasa,+ na wɔhunuu no sɛ
Heli ba,
24 Matat ba,
Lewi ba,
Melki ba,
Yanai ba,
Yosef ba,
25 Matatia ba,
Amos ba,
Nahum ba,
Esli ba,
Nagai ba,
26 Mahat ba,
Matatia ba,
Semein ba,
Yosek ba,
Yoda ba,
27 Yoanan ba,
Resa ba,
Serubabel+ ba,
Sealtiel+ ba,
Neri ba,
28 Melki ba,
Adi ba,
Kosam ba,
Elmadam ba,
Er ba,
29 Yesu ba,
Elieser ba,
Yorim ba,
Matat ba,
Lewi ba,
30 Simeon ba,
Yuda ba,
Yosef ba,
Yonam ba,
Eliakim ba,
31 Melea ba,
Mena ba,
Matata ba,
Natan+ ba,
Dawid+ ba,
Obed+ ba,
Boas+ ba,
Salmon+ ba,
Naason+ ba,
Arni+ ba,
Hesron+ ba,
Peres+ ba,
Yuda+ ba,
Isak+ ba,
Abraham+ ba,
Tera+ ba,
Nahor+ ba,
Reu+ ba,
Peleg+ ba,
Eber+ ba,
Sela+ ba,
36 Kainan ba,
Arfaksad+ ba,
Sem+ ba,
Noa+ ba,
Lamek+ ba,
Enok+ ba,
Yared+ ba,
Mahalaleel+ ba,
Kainan+ ba,
Set+ ba,
Adam+ ba,
Onyankopɔn ba.