Numeri
28 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’ayɛyɛdeɛ, m’aduane+ a wɔde bɔ egya afɔdeɛ hwamhwam, mma me+ ne berɛ mu.’+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Egya afɔdeɛ a mobɛbɔ ama Yehowa nie: Da biara momfa nnwammaa anini mmienu a wɔadi afe afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa adwammaa baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa, na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ.+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa+ susudeɛ nkyɛmu du mu baako a wɔde ngodua ngo korɔgyenn hin nkyɛmu nnan mu baako afete+ mmɔ aduane+ afɔdeɛ. 6 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa+ te sɛ egya afɔdeɛ hwamhwam a mobɔɔ no Bepɔ Sinai so maa Yehowa+ no, 7 na momfa nsã+ hin nkyɛmu nnan mu baako mmɔ afɔdeɛ nka adwammaa biara ho.+ Afei monhwie mmosã a wɔde bɔ nsã afɔdeɛ+ ma Yehowa no ngu kronkronbea hɔ. 8 Momfa adwammaa a aka no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ. Momfa aduane afɔdeɛ te sɛ deɛ mobɔɔ no anɔpa no ne nsã afɔdeɛ nka ho mmɔ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+
9 “‘Na sɛ ɛduru homeda+ a, momfa nnwammaa anini mmienu a wɔadi afe afe a wɔte apɔ ne esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afete mmɔ aduane afɔdeɛ na momfa ɛho nsã afɔdeɛ nka ho. 10 Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda a wɔde bɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ+ a wɔbɔ no daa ne nsã afɔdeɛ+ no ho.
11 “‘Na bosome no da a ɛdi kan no, momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne nnwammaa anini nson a wɔadi afe afe a wɔte apɔ mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afete nka nantwinini biara ho mfa mmɔ aduane afɔdeɛ,+ na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu mmienu a wɔde ngo afete nka odwennini no ho mmɔ afɔdeɛ.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyɛmu du mu baako a wɔde ngo afete mmɔ aduane afɔdeɛ nka adwammaa biara ho. Ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, egya afɔdeɛ hwamhwam,+ mma Yehowa. 14 Na momfa bobesa hin fã+ nka nantwinini biara ho, na momfa hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako+ nka odwennini no ho, na momfa hin nkyɛmu nnan mu baako+ nka adwammaa biara ho mmɔ afɔdeɛ. Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɛbɔ no bosome biara, afe no nyinaa.+ 15 Afei momfa abirekyie ba+ mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma Yehowa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔdeɛ+ no ho.
16 “‘Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no bɛyɛ Yehowa twam afahyɛ.+ 17 Saa bosome no da a ɛtɔ so dunum no bɛyɛ afahyɛ da. Monni paanoo a mmɔreka nnim nnanson.+ 18 Da a ɛdi kan no bɛyɛ nhyiamu kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ 19 Na momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne nnwammaa anini nson a wɔadi afe afe+ a wɔte apɔ+ mmɔ egya afɔdeɛ, kyerɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,+ mma Yehowa. 20 Na momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afete nkyɛmu du mu mmiɛnsa nka anantwinini no ho na momfa nkyɛmu du mu mmienu+ nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔdeɛ.+ 21 Na momfa nkyɛmu du mu baako+ nka nnwammaa nson no mu biara ho. 22 Na momfa abirekyie baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mpata mma mo bɔne.+ 23 Mommɔ yei nka anɔpa hyeɛ afɔdeɛ+ a mobɔ no daa+ no ho. 24 Saa ara na mommɔ aduane afɔdeɛ nnanson+ sɛ egya afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa.+ Momfa nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no daa ne ɛho nsã afɔdeɛ no ho. 25 Na da a ɛtɔ so nson no monyɛ nhyiamu kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+
26 “‘Na sɛ moredi adapɛn afahyɛ+ a, aba a ɛdi kan+ da no, sɛ mode aduane foforɔ bɛbɔ afɔdeɛ ma Yehowa a, monyɛ nhyiamu kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.+ 27 Na momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne nnwammaa anini nson a wɔadi afe afe+ mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hwamhwam mma Yehowa. 28 Na momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo nkyɛmu du mu mmiɛnsa afete nka nantwinini biara ho mmɔ aduane afɔdeɛ, na momfa nkyɛmu du mu mmienu+ nka odwennini no ho, 29 na momfa nkyɛmu du mu baako+ nka nnwammaa anini nson no mu biara ho. 30 Afei momfa abirekyie ba baako mmra na wɔmfa mpata mma mo.+ 31 Mommɔ yeinom nka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no daa ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho.+ Momfa mmoa a wɔte apɔ+ nka nsã afɔdeɛ no ho.+