Marko
14 Afei na aka nnanu ama twam+ afahyɛ+ ne paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ no aduru.+ Ná asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no rehwehwɛ sɛdeɛ wɔnam aniteɛ kwan so bɛkye no aku no;+ 2 na wɔkaa no mprɛ pii sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase; anyɛ saa a ɔmanfoɔ no bɛtumi ayɛ basabasa.”+
3 Na berɛ a ɔwɔ Simon kwatani+ no fie wɔ Betania, na ɔte adidiiɛ no, ɔbaa bi de alabasta toa a ngo hwamhwam wom baeɛ, nardo ngohwam amapa a ne boɔ yɛ den yie. Ɔtuu alabasta toa no ano firii aseɛ hwie guu ne tiri mu.+ 4 Ɛnna ebinom bo fu kekaa sɛ: “Adɛn nti na wɔasɛe ngo hwamhwam yi saa?+ 5 Anka wɔbɛtumi atɔn ngo hwamhwam yi agye bɛboro denare ahasa na wɔde ama ahiafoɔ!” Na ne ho yɛɛ wɔn ahi paa.+ 6 Nanso Yesu kaa sɛ: “Monnyaa no. Adɛn nti na mopɛ sɛ moha no? Adepa na wayɛ ama me.+ 7 Ahiafoɔ+ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn, na berɛ biara a mopɛ no mobɛtumi ayɛ wɔn papa daa, na me deɛ, morennya me daa.+ 8 Wayɛ deɛ ɔbɛtumi; wadi kan de ngo hwamhwam asiesie me nipadua ama me sie.+ 9 Nokorɛm mese mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no,+ wɔbɛka deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso de akae no.”+
10 Na Yuda Iskariot a ɔyɛ dumienu no mu baako no kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyi no ama wɔn.+ 11 Berɛ a wɔteeɛ no, wɔdii ahurisie na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛma no dwetɛ sika.+ Enti ɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ayi no ama berɛ pa mu.+
12 Afei da a ɛdi kan a wɔdi paanoo a mmɔreka nnim,+ a wɔde twam afɔrebɔdeɛ no bɔ afɔdeɛ no, n’asuafoɔ+ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wodi twam no?”+ 13 Ɛnna ɔsomaa n’asuafoɔ no mmienu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ kuro no mu, na ɔbarima bi a ɔsõ ahina a nsuo wom bɛhyia mo.+ Monni n’akyi, 14 na baabiara a ɔbɛkɔ akɔwura no mommisa efiewura no sɛ, ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se: “Ɛhe na ahɔhodan a me ne m’asuafoɔ+ bɛdi twam afahyɛ+ wom no wɔ?”’ 15 Na ɔbɛkyerɛ mo abansoro dan kɛseɛ bi a wɔasiesie mu ahyehyɛ mu; na monsiesie hɔ mma yɛn.”+ 16 Enti asuafoɔ no firii adi kɔɔ kuro no mu kɔhunuu no sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ; na wɔtotoo nneɛma maa twam no.+
17 Enwunu dwoeɛ no ɔne dumienu no baeɛ.+ 18 Na wɔtete didipono ho a wɔredidie no, Yesu kaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, mo mu baako a ɔne me redidie+ bɛyi me ama.”+ 19 Wɔn werɛ firii aseɛ hoeɛ na wɔbisaa no mmaako mmaako sɛ: “Ɛyɛ me anaa?”+ 20 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ dumienu no mu baako a ɔne me de paanoo bɔ ayowa korɔ mu no.+ 21 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka ɛyɛ.”+
22 Na berɛ a wɔgu so redidie no, ɔfaa paanoo hyiraa so bubuu mu de maa wɔn kaa sɛ: “Monnye, yei gyina hɔ ma me nipadua.”+ 23 Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase de maa wɔn, na wɔn nyinaa nom ano.+ 24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei gyina hɔ ma me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam no’+ a wɔbɛhwie+ agu ama nnipa bebree.+ 25 Nokorɛm mese mo sɛ, merennom bobesa bio da kɔsi da a mɛnom no foforɔ wɔ Onyankopɔn ahennie mu.”+ 26 Afei wɔtoo ayeyi dwom wieeɛ no,+ wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.+
27 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba no bɛto mo nyinaa suntidua ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no+ na nnwan no abɔ ahwete.’+ 28 Nanso sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim kan akɔ Galilea.”+ 29 Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me fam deɛ, ɛremma saa.”+ 30 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mese wo sɛ, ɛnnɛ, anadwo yi ara, ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no na woapa me mprɛnsa.”+ 31 Na ɔfirii aseɛ kaa no dendeenden sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da.” Wɔn a wɔaka no nyinaa nso kaa saa ara.+
32 Enti wɔkɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Montena ha na menkɔbɔ mpaeɛ.”+ 33 Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane+ kaa ne ho, na ɔfirii aseɛ yɛɛ basaa na ne ho yeraa no.+ 34 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra mã+ kɔsi owuo mu. Montena ha na monwɛn.”+ 35 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔbutuu fam firii aseɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka dɔn no ntwa ne ho nkɔ.+ 36 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Abba, Agya,+ biribiara nso wo yɛ; yi kuruwa yi firi me so. Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ.”+ 37 Na ɔba bɛhunuu sɛ wɔadeda, na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Simon, woada? Enti woannya ahoɔden anwɛn dɔnhwere baako mpo?+ 38 Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpaeɛ+ na moankɔ sɔhwɛ mu. Nokorɛm no, honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛ.”+ 39 Na ɔfirii hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ kaa asɛm korɔ no ara.+ 40 Na ɔsan ba bɛhunuu sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ na wɔn ani twan so, enti na wɔnhunu mmuaeɛ a wɔmfa mma no.+ 41 Na ɔbaa ne mprɛnsa so bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ɛte sei mu na moada regye mo ahome! Ayɛ yie! Ɛdɔn no aduru!+ Hwɛ! Wɔayi onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.+ 42 Monsɔre, momma yɛnkɔ.+ Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no abɛn.”+
43 Ɔgu so rekasa no ara na Yuda a ɔyɛ dumienu no mu baako, ne dɔm bi a wɔkurakura nkrantɛ ne nkontimmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn bɛpuee hɔ.+ 44 Afei na deɛ ɔbɛyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi dada sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no na monhwɛ ne so yie mfa no nkɔ.”+ 45 Na ɔbaa ne so tẽẽ na ɔbɛn no kaa sɛ: “Rabi!” na ɔfee n’ano.+ 46 Ɛnna wɔsɔɔ ne mu kyee no kɔeɛ.+ 47 Nanso wɔn a wɔgyinagyina hɔ no baako twee ne nkrantɛ twaa ɔsɔfo panin no akoa aso firii hɔ.+ 48 Na Yesu deɛ, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode nkrantɛ ne nkontimmaa aba rebɛkye me sɛ ɔdwotwafoɔ?+ 49 Daa na me ne mo wɔ asɔrefie hɔ a merekyerɛkyerɛ,+ na moankye me. Nanso aba saa na ama Twerɛnsɛm+ no aba mu.”+
50 Na wɔn nyinaa gyaa+ no hɔ dwaneeɛ.+ 51 Na aberanteɛ bi a ɔde nwera pa akata n’adagya soɔ firii aseɛ dii n’akyi; na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkye no,+ 52 na ɔgyaa ne ntoma no de adagya dwane kɔeɛ.
53 Afei wɔde Yesu kɔmaa ɔsɔfo panin no, na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa bɛhyiaeɛ.+ 54 Na Petro dii n’akyi+ wɔ akyiri kɔsii ɔsɔfo panin no adihɔ; na ɔne fie hɔ asomfoɔ no tenaa gya ho toeɛ. 55 Saa berɛ no ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa rehwehwɛ adanseɛ bi atia Yesu na wɔagyina so aku no,+ nanso wɔannya bi.+ 56 Nokorɛm no, nnipa bebree dii adansekunumu tiaa no,+ nanso na wɔn adanseɛ no nhyia.+ 57 Afei nso na ebinom sɔre di adansekunumu tia no sɛ: 58 “Yɛtee sɛ ɔse, ‘Mɛdwiri asɔrefie a wɔde nsa yɛeɛ yi agu na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansie.’”+ 59 Ɛha nso mpo wɔn adanseɛ no anhyia.
60 Afei ɔsɔfo panin no sɔre gyinaa wɔn mfimfini na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wonka hwee mfa nyi w’ano? Adanseɛ bɛn na yeinom redi tia woɔ yi?”+ 61 Nanso ɔyɛɛ dinn a wamma mmuaeɛ biara.+ Afei ɔsɔfo panin no firii aseɛ bisabisaa no nsɛm bio ka kyerɛɛ no sɛ: “Wone Kristo, Deɛ Wɔahyira no no Ba no?”+ 62 Afei Yesu kaa sɛ: “Mene no; na mobɛhunu onipa Ba+ no sɛ ɔte tumi nsa nifa+ soɔ na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”+ 63 Enti ɔsɔfo panin no suanee n’atadeɛ+ nhyɛaseɛ mu na ɔkaa sɛ: “Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia?+ 64 Moate abususɛm no.+ Mohu no sɛn?” Wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo. 65 Na ebinom firii aseɛ tetee ntasuo+ guu ne so, na wɔkataa n’anim nyinaa bobɔɔ no akuturuku ka kyerɛɛ no sɛ: “Hyɛ nkɔm!” Na asɛnnibea asomfoɔ no bobɔɔ n’ani so faa no kɔeɛ.+
66 Afei berɛ a Petro wɔ aseɛ hɔ wɔ adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa no baako baeɛ,+ 67 na berɛ a ɔhunuu Petro sɛ ɔreto gya no, ɔhwɛɛ no haa ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nso na woka Nasareni Yesu yi ho.”+ 68 Nanso ɔsanee sɛ: “Menni no na mente deɛ woreka yi ase nso,” na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo no mu.+ 69 Ɛhɔ nso, abaawa no ani bɔɔ ne so na ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bio sɛ: “Oyi ka wɔn ho.”+ 70 Ɔsanee bio. Na ɛyɛɛ kakra no wɔn a wɔgyinagyina hɔ no firii aseɛ bio ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa woka wɔn ho, na nokorɛm nie, woyɛ Galileani.”+ 71 Na ɔfirii aseɛ dii nse kaa ntam+ sɛ: “Mennim onipa yi a moreka ne ho asɛm no.”+ 72 Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ;+ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu no na woapa me mprɛnsa.”+ Ne werɛ hoe na ɔsuiɛ.+