Luka
4 Ɛnna Yesu a honhom kronkron ahyɛ no mã no danee ne ho firii Yordan ho, na honhom no de no kɔɔ serɛ so+ 2 adaduanan,+ na Ɔbonsam sɔɔ no hwɛeɛ.+ Bio nso, wanni hwee saa nna no mu, enti ɛbaa awieeɛ no na ɛkɔm de no. 3 Na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ ɛboɔ yi ma ɛnnane paanoo.” 4 Nanso Yesu buaa no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara so na onipa nam bɛtena aseɛ.’”+
5 Enti ɔde no kɔeɛ kɔkyerɛɛ no asase so ahennie nyinaa prɛko; 6 na Ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede tumi+ yi nyinaa ne ɛho animuonyam bɛma wo, ɛfiri sɛ wɔde ama me, na obiara a mepɛ no mede ma no.+ 7 Enti sɛ wobɔ wo mu ase+ som me a, ne nyinaa bɛyɛ wo dea.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn+ na ɛsɛ sɛ wokoto no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+
9 Afei ɔde no kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa asɔredan no atifi+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam;+ 10 ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ, ‘Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ sɛ wɔmmɔ wo ho ban,’+ 11 na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem boɔ da biara da.’”+ 12 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 13 Enti Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔsii berɛ foforɔ.+
14 Afei Yesu san kɔɔ Galilea+ a honhom no tumi wɔ ne soɔ. Na ne ho asɛmpa trɛɛ nkuro a atwa hɔ ahyia no nyinaa mu.+ 15 Ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu nso, na wɔn nyinaa hyɛɛ no animuonyam.+
16 Na ɔbaa Nasaret,+ baabi a wɔtetee no no; na sɛdeɛ ɔtaa yɛ homeda no, ɔkɔɔ hyiadan mu,+ na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkenkan adeɛ. 17 Enti wɔmaa no odiyifoɔ Yesaia nwoma mmobɔeɛ no, na ɔbuee nwoma mmobɔeɛ no mu na ɔhunuu baabi a wɔatwerɛ sɛ: 18 “Yehowa honhom+ wɔ me so, ɛfiri sɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, ɔsomaa me sɛ memmɛka ɔgyeɛ ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifirafoɔ nhunu adeɛ, sɛ memma wɔn a wɔabubuo nne wɔn ho,+ 19 na menka berɛ a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.”+ 20 Afei ɔbobɔɔ nwoma mmobɔeɛ no san de maa ɔsomfoɔ no na ɔtenaa ase; na wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa de wɔn ani hwɛɛ no dinn. 21 Afei ɔfirii aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnnɛ na twerɛsɛm a motee no seesei ara yi aba mu.”+
22 Na wɔn nyinaa firii aseɛ dii ne ho adanse pa, na nsɛm a ɛka akoma+ a ɛfiri n’anom no maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ Yosef ba nie?”+ 23 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ampa mobɛbu me bɛ yi sɛ: ‘Ɔyaresafoɔ,+ sa wo ho yareɛ; yɛ nneɛma+ a yɛtee sɛ ɛkɔɔ so wɔ Kapernaum+ no bi wɔ wo kurom ha nso.’”+ 24 Na ɔkaa sɛ: “Nokorɛ mese mo sɛ odiyifoɔ biara nni hɔ a wɔgye no tom wɔ ne kurom. 25 Mese mo nokorɛm sɛ, Elia nna no mu no, na akunafoɔ bebree wɔ Israel berɛ a wɔtoo ɔsoro mu mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia maa ɛkɔm kɛseɛ baa asase no nyinaa soɔ no,+ 26 nanso wɔansoma Elia ankɔ mmaa yi biara nkyɛn sɛ okunafoɔ bi a ɔwɔ Sarefat,+ Sidon asase so. 27 Bio nso, odiyifoɔ Elisa berɛ soɔ no, na akwatafoɔ bebree wɔ Israel, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi sɛ Siriani Naaman.”+ 28 Afei wɔn a wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa tee saa nsɛm no, ɛhyɛɛ wɔn abufuo;+ 29 na wɔsɔre piapiaa no firii kuro no mu, na wɔde no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro no gu soɔ no ano sɛ wɔrekɔsum no ahwe fam.+ 30 Nanso ɔfaa wɔn mfimfini kɔeɛ.+
31 Na ɔkɔɔ Kapernaum,+ Galilea kuro bi mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn homeda; 32 na ɛkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa,+ ɛfiri sɛ na tumi wɔ ne nsɛm no mu.+ 33 Ná ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu a ɔwɔ adaemone honhom fĩ,+ na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: 34 “Adɛn! Nasareni Yesu,+ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ?+ Wobaa sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim+ onii ko pɔtee a woyɛ; wone Ɔkronkronni a ɔfiri Onyankopɔn hɔ no.”+ 35 Ɛnna Yesu kaa n’anim sɛ: “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ.” Enti adaemone no maa ɔbarima no twa hwee wɔn mfimfini, na ɔfirii ne mu kɔeɛ a wanyɛ no hwee.+ 36 Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa, na wɔbɔɔ ho nkɔmmɔ sɛ: “Asɛm bɛn nie, ɔde tumi ne ahoɔden hyɛ ahonhom fĩ ma wɔfiri?”+ 37 Enti ne ho asɛm trɛ kɔɔ nkuro a ɛbembɛn hɔ no mu baabiara.+
38 Ɔsɔre firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon fie. Ná Simon asebaa yare atiridii dendeenden, na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnhwɛ no.+ 39 Enti ɔgyinaa n’atifi teateaa atiridii no,+ na ɛgyaee no. Mpofirem ara ɔsɔre firii aseɛ som wɔn.+
40 Na awia rekɔtɔ no, wɔn a wɔwɔ nkurɔfoɔ a nyarewa ahodoɔ ayɛ wɔn no de wɔn brɛɛ no. Ɔde ne nsa guu wɔn mu biara so saa wɔn yareɛ.+ 41 Adaemone nso firii wɔn mu pii mu+ teateaam sɛ: “Wone Onyankopɔn Ba no.”+ Nanso, ɔkaa wɔn anim, na wamma wɔn kwan sɛ wɔnkasa,+ ɛfiri sɛ na wɔnim no+ sɛ ɔne Kristo no.+
42 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfirii adi kɔɔ baabi a obiara nnie.+ Nanso nnipakuo no hwehwɛɛ no baa baabi a ɔwɔ no, na wɔbɔɔ mmɔden siankaa no na wamfiri wɔn nkyɛn ankɔ. 43 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ yei nti na wɔsomaa me.”+ 44 Enti ɔtoaa so kaa asɛm wɔ Yudea hyia adan mu.+