Marko
9 Afei nso, ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, wɔn a wɔgyina ha yi mu bi wɔ hɔ a wɔrenka owuo nhwɛ da kɔsi sɛ wɔbɛhunu sɛ Onyankopɔn ahennie aba tumi mu ansa.”+ 2 Enti nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tenten bi so a wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ. Na ɔsakraa wɔ wɔn anim,+ 3 na n’atadeɛ hyerɛn fitafita senee deɛ asase so ntomasifoɔ biara bɛtumi ama no ayɛ.+ 4 Afei nso, Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa.+ 5 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, enti ma yɛnsi ntomadan mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako.”+ 6 Nokorɛm no, na ɔnhunu asɛm a ɔnka, ɛfiri sɛ na wɔabɔ hu paa. 7 Na mununkum bi baeɛ, na ɛkataa wɔn so, na nne+ bi firi mununkum no mu baa sɛ: “Oyi ne me Ba,+ deɛ medɔ no; montie no.”+ 8 Nanso amonom hɔ ara, wɔhwehwɛɛ hɔ a wɔanhunu obiara wɔn nkyɛn bio sɛ Yesu nko ara.+
9 Berɛ a wɔresiane afiri bepɔ no soɔ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ deɛ wɔahunu no so+ nnkyerɛ obiara kɔsi sɛ onipa Ba no bɛnyane afiri awufoɔ mu.+ 10 Na wɔde asɛm no too wɔn akoma so, nanso wɔne wɔn ho susuu deɛ nyane a ɔbɛnyane afiri awufoɔ mu yi kyerɛ ho. 11 Na wɔfirii aseɛ bisabisaa no nsɛm sɛ: “Adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ ɛtwa sɛ Elia+ ba ansa?”+ 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Elia bɛdi kan aba ampa abɛtoto nneɛma nyinaa;+ na ɛyɛɛ dɛn na wɔatwerɛ onipa Ba no ho asɛm sɛ ɛtwa sɛ ɔhunu amane+ pii na wɔbu no animtia?+ 13 Nokorɛm, mese mo sɛ, Elia+ aba na wɔyɛɛ no deɛ wɔpɛ biara, sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm no pɛpɛɛpɛ.”+
14 Berɛ a afei wɔbaa asuafoɔ a aka no nkyɛn no, wɔhunuu sɛ nnipadɔm pii atwa wɔn ho ahyia na atwerɛfoɔ no ne wɔn redi anobaabaeɛ.+ 15 Na nnipakuo no nyinaa ani bɔɔ ne soɔ ara pɛ na wɔn ho dwirii wɔn, na wɔtutuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn kɔkyeaa no. 16 Na ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn ho na mo ne wɔn redi anobaabaeɛ?” 17 Na obi firi nnipadɔm no mu buaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima a mum honhom wɔ ne soɔ brɛɛ wo;+ 18 na baabiara a ɛbɛba ne soɔ no ɛtwa no hwe fam, n’ano pu ahuro na ɔtwɛre ne sẽ na ɔyɛ mmerɛ. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu, nanso wɔantumi.”+ 19 Ɛnna ɔbua see wɔn sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ a monni gyidie,+ berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn? Fa no brɛ me.”+ 20 Enti wɔde no brɛɛ no. Na berɛ a honhom no hunuu no no, ɛmaa abɔfra no sensenee prɛko pɛ, na ɔhwee fam bu faa so, na n’ano puu ahuro.+ 21 Na ɔbisaa ne papa sɛ: “Ɛfiri berɛ bɛn na yei ayɛ no?” Ɔkaa sɛ: “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; 22 na ɛtaa twa no hwe egya ne nsuo mu ma no pira.+ Na sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn.” 23 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wose, ‘Sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a’? Hwɛ, sɛ obi wɔ gyidie a, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama no.”+ 24 Ɛhɔ ara na abɔfra no papa teaam kaa sɛ: “Mewɔ gyidie! Baabi a mehia gyidie no boa me!”+
25 Afei Yesu hunuu sɛ nnipakuo bi repu aba wɔn soɔ no, ɔkaa honhom fĩ no anim+ sɛ: “Mum ne asotire honhom, mehyɛ wo sɛ firi ne mu na mma ne mu bio.” 26 Na berɛ a ɛteaam na ɛkɔɔ so sensenee no akyi no, ɛfirii ne mu;+ na ɔyɛɛ sɛ deɛ wawuo, enti na wɔn mu dodoɔ no ara reka sɛ: “Wawu!” 27 Nanso Yesu sɔɔ ne nsa maa ne so, na ɔsɔreeɛ.+ 28 Enti ɔwuraa fie bi mu no n’asuafoɔ no bisaa no kokoam sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antuo?”+ 29 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yei deɛ, sɛ ɛnyɛ mpaebɔ a, biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi atu no.”+
30 Wɔfirii hɔ kɔeɛ, na wɔkɔfaa Galilea, nanso na ɔmpɛ sɛ obiara bɛteɛ. 31 Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔbɛyi onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa, na wɔbɛku no,+ nanso ɛmfa ho sɛ wɔbɛku no no, nnansa akyi ɔbɛnyane.”+ 32 Nanso na wɔnte asɛm no ase, na na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no.+
33 Na wɔkɔɔ Kapernaum. Afei berɛ a ɔwɔ fie no mu no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na na moregye ho akyinnyeɛ wɔ kwan soɔ no?”+ 34 Wɔyɛɛ dinn, ɛfiri sɛ ɛkwan so no wɔgyee deɛ ɔyɛ wɔn mu kɛseɛ ho akyinnyeɛ.+ 35 Enti ɔtenaa ase frɛɛ dumienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi kan a, ɛsɛ sɛ ɔdi akyire na ɔsom mo nyinaa.”+ 36 Na ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa wɔn mfimfini de ne nsa too ne kɔn mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ:+ 37 “Obiara a ɔbɛgye mmɔfra nkumaa yi bi me din mu no, na wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no nnye me nko, na mmom deɛ ɔsomaa me no nso.”+
38 Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu obi a ɔde wo din retu adaemone na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛsi no kwan,+ ɛfiri sɛ na ɔnka yɛn ho.”+ 39 Nanso Yesu kaa sɛ: “Mommmɔ mmɔden sɛ mobɛsi no kwan, na obiara nni hɔ a ɔde me din bɛyɛ anwanwadeɛ a ɔbɛtumi asan asopa me berɛ korɔ no ara;+ 40 na deɛ ɔnsɔre ntia yɛn no wɔ yɛn afa.+ 41 Na obiara a ɛsiane sɛ moyɛ Kristo dea nti+ ɔbɛma mo nsuo kuruwa+ mã anom no, nokorɛm mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no da. 42 Na obiara a ɔbɛto nkumaa a wɔgye die yi baako suntidua no, anka ɛyɛ ma no mmom sɛ wɔde oyuyammoɔ a afunumu twe bɛsɛn ne kɔn mu de no akɔto po mu.+
43 “Na sɛ wo nsa to wo suntidua a, twa firi hɔ; ɛyɛ ma wo sɛ wobɛdi dɛm de anya nkwa sene sɛ wode nsa mmienu bɛkɔ Gehenna, egya a wɔntumi nnum no mu.+ 44 —— 45 Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa firi hɔ; ɛyɛ ma wo sɛ wobɛtɔ apakye+ akɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu na wɔde wo bɛto Gehenna.+ 46 —— 47 Na sɛ w’ani to wo suntidua a tu twene;+ ɛyɛ sɛ wode ani baako bɛkɔ Onyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔbɛto wo ato Gehenna,+ 48 baabi a wɔn mu mmoaa nwuo na egya no nnum no.+
49 “Ɛtwa sɛ wɔde egya hyɛ obiara nkyene.+ 50 Nkyene yɛ; nanso sɛ nkyene ahoɔden firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ ɛno nso?+ Monnya nkyene+ wɔ mo mu na momma asomdwoeɛ+ ntena mo ntam.”