18 Ɛnna Bildad a ɔfiri Suha no buaa sɛ:
2 “Da bɛn na mode mo nsɛm bɛba awieeɛ?
Ɛsɛ sɛ monya nteaseɛ, ansa na yɛatoa so akasa.
3 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mobu yɛn sɛ mmoa+
Na mohu yɛn mo ani so sɛ yɛn ho nteɛ?
4 Wotete wo kra pasaa, w’abufuo mu.
Wo nti wɔbɛpo asase,
Anaa ɔbotan bɛtutu afiri ne sibea?
5 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ne kanea bɛdum+
Na ne gyaframa renhyerɛn.
6 Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu,+
Na emu kanea mpo bɛdum.
7 N’anammɔn mu ahoɔden bɛgo.
N’agyinatuo mpo bɛyi no ahwe hɔ.+
8 Ɔno ara ne nan na ɛde no bɛkɔ asau mu,
Na atena mu na ɔbɛtutu ne nan akorɔ.+
9 Fidie bɛsɔ ne nantin;+
Ɔbɛka adwaa+ mu.
10 Wɔde ahoma ahunta asase mu retwɛn no,
Na wɔasum fidie ahunta ne kwan so.
11 Deɛ ɔbɛfa biara, ahudeɛ ma no bɔ birim,+
Na ɛtaa ne so, n’anammɔn akyi.
12 Ɛkɔm ama n’ahoɔden asã,
Na amanehunu+ ayɛ krado sɛ ɛbɛma no atɔ agu ne nan so.
13 Owuo abakan bɛdi ne honam;
Ɛbɛwe n’akwaa.
14 Wɔbɛyi n’ahotɔsoɔ afiri ne ntomadan mu,+
Na ɛbɛtwe no akɔ ahudeɛ hene anim.
15 Biribi a ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu;
Wɔde sɔfe+ bɛpete ne tenabea.
16 Ne nhini bɛwu wɔ fam,+
Na ne mman nso bɛdwan wɔ soro.
17 Ne nkaeɛ mpo, ɛbɛyera afiri asase so,+
Na wɔremmɔ ne din bio abɔnten so.
18 Wɔbɛpia no afiri hann mu akɔ sum mu,
Na wɔapamo no afiri asase so.
19 Ɔrennya mma ne asefoɔ wɔ ne nkurɔfoɔ mu,+
Na obiara renka wɔ baabi a ɔbɛtu akɔtena.
20 Ne da duru a, Atɔeɛfoɔ de ahodwirie bɛhwɛ,
Na ehu bɛkuta Apueeɛfoɔ nso.
21 Yei na ɛbɛba ɔbɔnefoɔ tenabea soɔ,
Na yei ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no tebea.”