-
Genesis 41:18-21Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Na mehuu sɛ anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔre sradeɛ apue afiri Nil no mu, na na wɔrewe serɛ a ɛwɔ Nil ho no.+ 19 Afei mesan huu anantwie nson foforɔ a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛ wɔabɛgyinagyina hɔ. Menhuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Egypt asaase so baabiara. 20 Na anantwie a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no wee anantwie nson a wɔadɔre sradeɛ no. 21 Nanso wɔwee wɔn wieeɛ no, na wonhu mpo sɛ biribi akɔ wɔn yafunu mu, ɛfiri sɛ na wɔn ho da so ara yɛ tan. Afei m’ani teeɛ.
-