8 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn mu biara aso daeɛ, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ aseɛ ama yɛn.” Ɛnna Yosef bisaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase?+ Mesrɛ mo, monka nkyerɛ me.”
28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a ɔyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahunu deɛ ɛbɛba wɔ awieeɛ nna no mu. Daeɛ a wosoeɛ no nie, na anisoadehunu a wonyaa wɔ wo tirim berɛ a na woda wo mpa so no nie: