-
Genesis 41:48, 49Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
48 Aduane a ɛbaa Egypt asaase so mfeɛ nson no, ɔboaboaa ne nyinaa ano, na wɔkoraa so wɔ nkuro akɛseɛ mu. Nnɔbaeɛ a wɔnya firii afuo biara mu no, ɔkoraa so wɔ kuro kɛseɛ a ɛbɛn hɔ mu. 49 Yosef boaboaa aduane ano ara maa ne dodoɔ yɛɛ sɛ mpoano anwea. Ɛduruu baabi no, wɔankari bio, ɛfiri sɛ na wɔntumi mmu ano.
-