22 Afei Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no na ɔmaa no nyinsɛneeɛ.*+23 Ɔnyinsɛn woo ɔbabarima. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ayi m’aniwuo afiri me so!”+24 Enti ɔtoo ne din Yosef,*+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa de ɔbabarima foforɔ aka me ho.”
18 Berɛ a ne nkwa* refiri ne mu no, (saa berɛ no na ɔrewu) ɔtoo abɔfra no din Ben-Oni,* nanso ne papa frɛɛ no Benyamin.*+19 Enti Rahel wuiɛ, na wɔsiee no Efrat anaa Betlehem+ kwan so.