12Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Firi w’asaase so ne w’abusuafoɔ mu ne w’agya fie kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+2 Mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo ama wo din ayɛ kɛseɛ, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfoɔ.+
5 Ɛno akyi no, ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Ná me papa yɛ Aramni kwantuni*+ a ɔne ne fiefoɔ kakraa bi+ kɔtenaa Egypt+ sɛ ahɔhoɔ. Nanso wɔbɛyɛɛ ɔman kɛseɛ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso.+