Genesis 12:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɔbaa no nti, Farao ne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu anini ne abedeɛ, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+ Genesis 26:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Akyire yi, Isak yɛɛ afuo wɔ asaase no so, na saa afe no, ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho 100, ɛfiri sɛ Yehowa hyiraa no.+ Genesis 26:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɔbɛnyaa nnwan ne anantwie ne nkoa pii,+ na Filistifoɔ no ani beree no. Genesis 31:17, 18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Afei Yakob sɔre de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so;+ 18 na ɔde ne nyɛmmoa ne agyapadeɛ a wabɛnya+ wɔ Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.+ Genesis 46:33, 34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nnwan ne anantwie afiri yɛn mmɔfraase.’+ Wei bɛma moatena Gosen asaase so,+ ɛfiri sɛ Egyptfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ.”+
16 Ɔbaa no nti, Farao ne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu anini ne abedeɛ, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+
12 Akyire yi, Isak yɛɛ afuo wɔ asaase no so, na saa afe no, ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho 100, ɛfiri sɛ Yehowa hyiraa no.+
17 Afei Yakob sɔre de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so;+ 18 na ɔde ne nyɛmmoa ne agyapadeɛ a wabɛnya+ wɔ Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.+
33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nnwan ne anantwie afiri yɛn mmɔfraase.’+ Wei bɛma moatena Gosen asaase so,+ ɛfiri sɛ Egyptfoɔ kyiri nnwanhwɛfoɔ.”+