Genesis 15:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Nanso mɛbu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapadeɛ bebree bɛfiri hɔ akɔ.+ Genesis 26:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+ Deuteronomium 31:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yehowa na ɔdi w’anim, na ɔbɛka wo ho berɛ nyinaa.+ Ɔrempo wo, na ɔrennya wo. Nsuro, na mmɔ hu.”+
3 Tena asaase no so sɛ hɔhoɔ,+ na mɛka wo ho na mahyira wo berɛ nyinaa, na wo ne w’asefoɔ* na mede nsaase yi nyinaa bɛma mo,+ na mɛma ntam yi a mekaa wo papa Abraham no aba mu:+