33 Na ɔsan nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Yehowa ate sɛ me kunu nnɔ me, enti na wama me wei nso.” Na ɔtoo ne din Simeon.+ 34 Na ɔnyinsɛn bio woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: “Afei deɛ, me kunu bɛka aba me ho, ɛfiri sɛ mawo mma mmarima mmiɛnsa ama no.” Enti ɔtoo ne din Lewi.+