-
Genesis 49:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.+ Wɔn sekan yɛ awudie sekan.+ 6 Me kra,* wo ne wɔn mmmɔ fekuo. M’akoma,* nkɔfra wɔn asafo mu, ɛfiri sɛ wɔn abufuo mu na wɔkunkum nnipa,+ na wɔn atirimuɔdensɛm nti wɔtwitwaa anantwie srɛ akyi ntini. 7 Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ na ɛboro so, ne wɔn aniberɛ, ɛfiri sɛ na ano yɛ hye.+ Mɛkyekyɛ wɔn mu wɔ Yakob mu na mabɔ wɔn ahwete Israel.+
-