3 “Ruben,+ wone me ba panin,+ me tumi ne m’ahoɔden mfitiaseɛ; anka woyɛ ɔkɛseɛ wɔ animuonyam ne tumi mu. 4 Woanhyɛ wo ho so; wote sɛ nsuo a ɛtue waa, enti worenyɛ ɔkɛseɛ, ɛfiri sɛ woforoo wo papa mpa.+ Woguu me mpa ho fĩ saa berɛ no. Ɔforoeɛ ampa!
5Israel ba panin Ruben+ asefoɔ din na ɛdidi so yi. Ná ɔyɛ ɔba panin, nanso ɔne ne papa mpena* daeɛ,*+ enti wɔde mpaninnie no maa Israel ba Yosef mma,+ na wɔantwerɛ ne din sɛ abakan.