-
Deuteronomium 17:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 “Sɛ wonya kɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no tena so, na woka sɛ, ‘Ma mensi ɔhene na ɔnni me so te sɛ aman a atwa me ho ahyia+ no nyinaa’ a, 15 ɛnneɛ obi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no na ɛsɛ sɛ wode no si wo so hene.+ Ma wo nuanom no bi nni wo so hene. Worentumi mma ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ wo nua nni wo so.
-
-
1 Berɛsosɛm 1:43-50Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
43 Ahemfo a wɔdii Edom+ asaase so ansa na Israelfoɔ*+ rebɛnya ɔhene adi wɔn so nie: Beor ba Bela; ná ne kuro din de Dinhaba. 44 Bela wuiɛ no, Sera a ɔfiri Bosra+ ba Yobab bɛdii n’adeɛ. 45 Berɛ a Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Temanfoɔ asaase so no bɛdii n’adeɛ. 46 Husam wuiɛ no, Bedad ba Hadad a ɔdii Midianfoɔ so nkonim wɔ Moab asaase so no bɛdii n’adeɛ, na na ne kuro din de Awit. 47 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. 48 Berɛ a Samla wuiɛ no, Saul a ɔfiri Rehobot a ɛwɔ Asubɔnten no ho no bɛdii n’adeɛ. 49 Saul wuiɛ no, Akbor ba Baal-Hanan bɛdii n’adeɛ. 50 Berɛ a Baal-Hanan wuiɛ no, Hadad bɛdii n’adeɛ; ná ne kuro din de Pau. Ná ne yere de Mehetabel, na Mesahab ba Matred na ɔwoo no.
-