11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfoɔ* sisii wɔn so sɛ wɔnhyɛ wɔn mma wɔnyɛ adwumaden;+ wɔmaa wɔkyekyeree nkuro a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkuro no ne Pitom ne Raamse.+
7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amaneɛ a me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no rehunu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wɔsi ɛsiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Menim wɔn brɛ nyinaa.+