-
Leviticus 5:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 “Sɛ obi* fom yɛ* bɔne tia Yehowa nneɛma a ɛyɛ kronkron+ no berɛ a n’ani nna ne ho so a, ma no mfa odwennini a ɔte apɔ mmɛbɔ afɔdie afɔreɛ mma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ aboa no boɔ yɛ nnwetɛbena* a wɔatwa ato hɔ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ 16 Ɔbɛtua bɔne a wayɛ atia kronkronbea no ho mpata, na ɔde nkyɛmu nnum mu baako bɛka ho abrɛ ɔsɔfoɔ no.+ Na ɔsɔfoɔ no de odwennini a ɔde bɛbɔ afɔdie afɔreɛ no bɛpata ama no,+ na wɔde bɛkyɛ no.+
-