Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 65:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Wɔtete asieeɛ,+

      Na wɔda baabi a ahinta* ma adeɛ kye;

      Wɔwe prakonam,+

      Na akyiwadeɛ nkwan* wɔ wɔn nkukuo mu.+

  • Yesaia 66:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  3 Deɛ ɔkum nantwie no te sɛ deɛ ɔkum onipa.+

      Deɛ ɔde odwan bɔ afɔreɛ no te sɛ deɛ ɔbu kraman kɔn mu.+

      Deɛ ɔde afɔrebɔdeɛ ba no te sɛ deɛ ɔde prako

      mogya ba.+

      Deɛ ɔhye ɛhyɛ*+ de yɛ nkaeɛ no te sɛ deɛ ɔkankye de hyira obi.*+

      Wɔafa wɔn ankasa akwan,

      Na wɔn ani gye akyiwadeɛ ho.*

  • Yesaia 66:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho kɔ nturo* mu,+ na wɔkɔdi deɛ ɛwɔ mfimfini no akyi, na wɔwe prakonam+ ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ ne nkura+ no, wɔn nyinaa awieeɛ bɛba abom,” Yehowa na aka.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane