-
Leviticus 2:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 “‘Sɛ obi* pɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔreɛ+ ma Yehowa a, ma no mfa esiam muhumuhu, na ɔnhwie ngo ngu so na ɔmfa ɛhyɛ* nka ho.+ 2 Ma no mfa mmrɛ Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no nsa esiam ne ngo no nsa ma, na ɛhyɛ* no deɛ, ɔmfa ne nyinaa, na ɔnhye no afɔrebukyia no so na ɛno nnyina hɔ mma afɔreɛ no nyinaa.*+ Ɛbɛyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.
-