-
Deuteronomium 14:12-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Nanso weinom deɛ, monnwe: ɔkɔdeɛ, ɔkorɔbia, pɛtɛ tuntum,+ 13 ɔkompɛtɛ, ɔkom, asansa ahodoɔ nyinaa bi, 14 kwaakwaadabi ahodoɔ nyinaa bi, 15 sohori, patuo, asomfena, nkorɔma ahodoɔ nyinaa bi, 16 patuo ketewa, patuo asotenten, suborɔkokɔ, 17 nsuo so dabodabo, pɛtɛ, ɛpo so anene, 18 asukɔnkɔn, nsunoma ahodoɔ nyinaa bi, asɔkwaa, ne apan. 19 Afei nso, mmoa nketenkete* a wɔtu biara ho nte mma mo. Monnwe.
-