-
Leviticus 14:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ ne odwan bedeɛ kumaa baako a ɔte apɔ+ a wadi afe mmra, na ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu mmiɛnsa* a wɔde ngo afra ne ngo susukuruwa baako* mmɛbɔ aduane afɔreɛ.+ 11 Ma ɔsɔfoɔ a ɔbɛkyerɛ sɛ onipa no ho te no mfa deɛ ɔrete ne ho no ne nneɛma a ɔde rebɛbɔ afɔreɛ no nyinaa mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano.
-