-
Leviticus 14:15-18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Ɔsɔfoɔ no nhwie ngo+ no bi ngu ɔno ara ne nsa benkum mu. 16 Ma ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmpete ngo no bi mprɛ nson wɔ Yehowa anim. 17 Ɔsɔfoɔ no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no bi nyɛ deɛ ɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokuromoti ne ne nan nifa kokuromoti ho. Ɔmfa nyɛ baabi a ɔde afɔdie afɔreɛ no mogya yɛeɛ no. 18 Afei ɔsɔfoɔ no mfa ngo a aka wɔ ne nsam no ngu deɛ ɔrete ne ho no apampam, na ɔmpata mma no wɔ Yehowa anim.+
-