3 Ɔsɔfoɔ no nkɔ asoɛeɛ no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfoɔ no hu sɛ ne ho ate a, 4 ɔsɔfoɔ no mma no mfa nnomaa a wɔn ho te mmienu, sida dua, ahoma kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛte ne ho mmra.+
6 Na ɔsɔfoɔ no mfa sida dua ne sommɛ*+ ne koogyan na ɔnto ngu egya a wɔde rehye nantwie no mu. 7 Afei ɔsɔfoɔ no nsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware,* na ɔwie a, ɔbɛtumi aba asoɛeɛ hɔ. Nanso ɔsɔfoɔ no ho rente kɔsi anwummerɛ.