11 “‘Nanso nantwinini no nwoma, ne nam nyinaa, ne ti, ne nan, ne nsono, ne ne bini,+ 12 kyerɛ sɛ, deɛ aka wɔ nantwie no ho nyinaa deɛ, ma no mfa nkɔ asoɛeɛ no akyi baabi a ɛhɔ te a wɔto nsõ gu no, na ɔmfa ngu anyina so nhye ne nyinaa.+ Baabi a wɔto nsõ gu no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ ɔhye no.