10 Afe biara, aboa a Aaron de bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ no,+ ɔde ne mogya no bi bɛsosɔ mmɛn no ho de ate afɔrebukyia no ho. Ɔbɛyɛ saa prɛko afe biara+ de apata ama afɔrebukyia no wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ kronkron paa ma Yehowa.”
7 nanso pia a ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin no nko ara na na ɔkɔ hɔ pɛnkoro afe biara.+ Sɛ ɔrekɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ ɔde mogya kɔ,+ na ɔde kɔbɔ afɔreɛ ma ɔno ankasa ho+ ne ne man wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ+ a wɔnnim no ho.