-
Leviticus 7:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 “‘Afei sɛ obi de biribi rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ ama Yehowa a, ɛho mmara nie:+ 12 Sɛ ɔde rebɛda ase a,+ ɔmfa ngo mfete esiam nyɛ paanoo a mmɔka* nnim a ɛte sɛ kawa, na ɔnyɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim mfa ngo nsra ho. Afei ɔmfa ngo mfra esiam muhumuhu mfete no yie mfa nyɛ paanoo a ɛte sɛ kawa. Ɔmfa weinom nka n’aseda afɔreɛ no ho.
-