Mmebusɛm 10:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ ɔkata ne tan so no twa nkontompo,+Na deɛ ɔnenam sɛe nkurɔfoɔ din* no yɛ kwasea. 1 Yohane 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ obi ka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan+ ne nua a, ɔda so ara wɔ sum no mu.+ 1 Yohane 3:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ wudini,+ na monim sɛ wudini biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+