-
Leviticus 16:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 “Wei bɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, monni awerɛhoɔ,* na kuromanni oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo, mma obiara nnyɛ adwuma biara.+ 30 Saa da yi na wɔbɛpata ama mo+ de ate mo ho. Mo ho bɛte afiri mo bɔne nyinaa ho wɔ Yehowa anim.+ 31 Ɛyɛ homeda a mode bɛhome koraa, na ɛsɛ sɛ modi* awerɛhoɔ.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa.
-