15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔ no so nkɔpɛ ngodua mman, nku dua mman, ohwadua mman, ɛberɛ, ne nnua foforɔ mman mfa mmɛbɔ apata sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”
9 Wei akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! nnipakuo kɛseɛ bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wɔfiri aman ne mmusuakuo ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no ne Adwammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wɔkurakura berɛ wɔ wɔn nsam.+