-
Leviticus 25:29, 30Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 “‘Sɛ obi tɔn efie wɔ kuro a wɔato ho fasuo mu a, ɛfiri da a ɔtɔn wieeɛ kɔsi n’afe so no, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’adeɛ. Afe baako na ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛtumi abɛtua ka asan agye n’adeɛ.+ 30 Nanso sɛ wantumi antɔ na afe so a, efie a ɛwɔ kuro a wɔato ho fasuo mu yi bɛyɛ deɛ ɔtɔeɛ no dea korakora wɔ n’awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Sɛ Ahofadie Afe no duru mpo a, ɛremfiri ne nsam.
-