-
Rut 4:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Meyɛɛ sɛ mɛbɔ wo amanneɛ sɛ, ‘Tɔ no kurom hafoɔ ne yɛn mpanimfoɔ yi anim.+ Enti sɛ wobɛgye a, gye; sɛ worennye nso a, ka kyerɛ me na menhunu, ɛfiri sɛ wo na wowɔ tumi sɛ wogye. Wonni hɔ a, me na mewɔ hɔ.’” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛgye.”+ 5 Afei Boas kaa sɛ: “Da a wobɛtɔ asaase no afiri Naomi nsam no, hu sɛ woatɔ afiri Moabni Rut a ne kunu awu no nso nsam, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a owufoɔ no din bɛsan aba n’agyapadeɛ so.”+ 6 Ɛnna ɔgyefoɔ no kaa sɛ: “Merennye na mansɛe me ara m’agyapadeɛ. Mama wo kwan, kɔgye, ɛfiri sɛ merentumi nnye.”
-