-
Deuteronomium 11:13-15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 “Sɛ motie ahyɛdeɛ a mede rema mo nnɛ yi na modɔ Yehowa mo Nyankopɔn de mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa som no a,+ 14 ɛnneɛ me nso mɛtɔ nsuo agu mo asaase so wɔ ne berɛ mu, sutɔberɛ mu nsuo* ne fefɛ berɛ mu nsuo.* Na mobɛboaboa mo hwiit* ne mo bobesa foforɔ ne mo ngo ano.+ 15 Na mɛma mo nyɛmmoa anya serɛ awe wɔ mo asaase so na mo nso moadidi amee.+
-