14 Enti Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔde wɔn hyɛɛ nnipabɔnefoɔ a wɔfom nneɛma nsa maa wɔfom wɔn nneɛma.+ Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia+ no, na wɔantumi annyina wɔn atamfo anim bio.+
10 Enti Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo+ maa obiara dwane kɔɔ ne ntomadan mu. Nnipa a wɔwuwuiɛ no, na wɔdɔɔso paa; Israel asraafoɔ* 30,000 na wɔwuwuiɛ.