11 Nanso sɛ ɛyɛ aboa a ne ho nte+ a wɔntumi mfa mmɔ afɔreɛ mma Yehowa a, ɛnneɛ ma no mfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim. 12 Afei ɔsɔfoɔ no nhwɛ sɛdeɛ aboa no te, sɛ ɛyɛ oo, sɛ ɛnyɛ oo, na ɔnkyerɛ ne boɔ. Deɛ ɔsɔfoɔ no bɛka na ɛbɛyɛ ne boɔ.
18 Sɛ Ahofadie Afe no akyi na ɔhyiraa n’asaase no so a, ɔsɔfoɔ no nhwɛ mfeɛ a aka ansa na Ahofadie Afe asan aduru na ɔmfa nsese ne boɔ. Ɔbɛhwɛ mfeɛ a aka no na wate ne boɔ so.+