-
Leviticus 27:11-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Nanso sɛ ɛyɛ aboa a ne ho nte+ a wɔntumi mfa mmɔ afɔreɛ mma Yehowa a, ɛnneɛ ma no mfa aboa no mmɛgyina ɔsɔfoɔ no anim. 12 Afei ɔsɔfoɔ no nhwɛ sɛdeɛ aboa no te, sɛ ɛyɛ oo, sɛ ɛnyɛ oo, na ɔnkyerɛ ne boɔ. Deɛ ɔsɔfoɔ no bɛka na ɛbɛyɛ ne boɔ. 13 Ɛba sɛ deɛ ɔhyɛɛ bɔ no pɛ sɛ ɔsan tɔ n’adeɛ bio a, wɔbɛkyɛ ne boɔ no mu nnum ama no atua emu baako aka ne boɔ no ankasa ho.+
-