Exodus 38:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Dwetɛbena fã a wɔgyegyeeɛ no, obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔkan no no de dwetɛbena fã baeɛ,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Ná wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 603,550.+ Numeri 1:46 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 46 na dodoɔ a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa yɛ 603,550.+ Numeri 1:49 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 49 “Lewi abusuakuo no deɛ, ntwerɛ wɔn din, na nkan wɔn nka Israelfoɔ a aka no ho.+ Numeri 14:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Mo afunu bɛdeda serɛ yi so,+ aane, mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa, mo a monwiinwii tiaa me no nyinaa.+
26 Dwetɛbena fã a wɔgyegyeeɛ no, obiara a wadi mfeɛ 20 rekɔ a wɔkan no no de dwetɛbena fã baeɛ,+ sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.* Ná wɔn nyinaa dodoɔ yɛ 603,550.+
29 Mo afunu bɛdeda serɛ yi so,+ aane, mo a wɔkan mo a moadi mfeɛ 20 rekɔ nyinaa, mo a monwiinwii tiaa me no nyinaa.+